Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 16:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Nanso wɔantu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no, na Kanaanfoɔ no atena Efraim mu de abɛduru nnɛ, na wɔayɛ nkoa a wɔde ɔsom adwuma yi toɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Nanso wɔantu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no, na Kanaanfoɔ no atena Efraim mu de abɛduru nnɛ, na wɔayɛ nkoa a wɔde ɔsom adwuma yi toɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔampam Kanaanfo no amfi Geser, enti Geserfo te hɔ sɛ nkoa de besi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔampamo Kanaanfoɔ no amfiri Geser, enti Geserfoɔ te hɔ sɛ nkoa bɛsi ɛnnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Nanso wɔantu Kanaanfo a wɔte Geser no, na Kanaanfo no atena Efraim mu ayɛ nkoa de abesi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 16:10
12 Iomraidhean Croise  

Na adwuma toɔ a Ɔhene Salomo gyee sɛ ɔde rebɛsi AWURADE fie, ne ɔno ara ne fie, ne Milo, ne Yerusalem fasuo ne Hasor, Megido ne Geser no ho asɛm nie:


(Misraimhene Farao aforo abɛfa Geser de ogya ahye, na wakum Kanaanfoɔ a wɔte kuro no mu no, na ɔde ama ne babaa, Salomo yere no, sɛ awaredeɛ.


wɔn a Israel mma antumi ansɛe wɔn no mma a wɔkaa wɔn akyi, asase no soɔ no, Salomo yɛɛ wɔn ɔhyɛ adwumayɛfoɔ de bɛduru nnɛ yi.


wɔn mma a wɔkaa wɔn akyi wɔ asase no soɔ, a Israelfoɔ annwerɛ wɔn no mu bi, na Salomo gyee wɔn ɔhyɛ adwumayɛ toɔ de bɛsi nnɛ da yi.


Ɛno mu no Geser hene Horam foro ba bɛboaa Lakis. Na Yosua kumm no ne ne man nyinaa de kɔsii sɛ wamma no anka no obiara.


Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Yudafoɔ no antumi antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Yudafoɔ no tenaa Yerusalem de bɛduru nnɛ yi.


ne nkuro a wɔyiyi maa Efraimfoɔ wɔ Manasefoɔ agyapadeɛ mu no, nkuro no nyinaa ne ɛho nkuraa.


Nanso Manasefoɔ antumi antu nkuro no mufoɔ, na Kanaanfoɔ no pɛɛ asase no so tena.


Na Israelfoɔ ho yɛɛ den no, wɔmaa Kanaanfoɔ no de ɔsom adwuma yii toɔ, na tuo deɛ, wɔantu wɔn.


Na Efraim antu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no; na Kanaanfoɔ no tenaa wɔn mu wɔ Geser.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan