Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 15:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɛhyeɛ no hima firi bepɔ no mpampam kɔ Neftoa asutire no ho, na ɛfiri hɔ kɔ Efron bepɔ so nkuro ho, na ɛhyeɛ no hima kɔ Baala (a ɛne Kiriat-yearim).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na ɛhyeɛ no hima firi bepɔ no mpampam kɔ Neftoa asutire no ho, na ɛfiri hɔ kɔ Efron bepɔ so nkuro ho, na ɛhyeɛ no hima kɔ Baala (a ɛne Kiriat-yearim).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Efi hɔ a, ɔhye no toa so kɔfa bepɔw no apampam kɔ Neftoa asuti no nsu ho, fi hɔ akɔ nkurow a ɛdeda Efron bepɔw so no. Na ebukaw kɔ Baala (a ɛyɛ Kiriat-Yearim.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛfiri hɔ a, ɛhyeɛ no toa so kɔfa bepɔ no apampam kɔ Neftoa asuo no asutire no ho. Ɛfiri hɔ kɔ nkuro a ɛdeda Efron bepɔ so no. Na ɛhima kɔ Baala (a ɛyɛ Kiriat-Yearim.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔhye no hima fi bepɔw no atifi kɔ Neftoa asuti no ho, na efi hɔ kɔ Efron bepɔw so nkurow ho, na ɔhye no hima kɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 15:9
8 Iomraidhean Croise  

Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne dɔm a wɔka ne ho nyinaa kɔ kɔfirii Baale-yuda, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn apam adaka a wɔbɔ din a ɛyɛ asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no din wɔ soɔ no afiri hɔ aba.


Na Dawid ne Israel nyinaa foro kɔɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim a ɛwɔ Yuda no, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn, AWURADE a ɔte kerubim soɔ a wɔbɔ ne din frɛ no no, adaka no afiri hɔ aba.


Baala ne Iyim ne Esem,


Kiriat-baal (a ɛne Kiriat-yearim), ne Raba: Nkuro mmienu ne ɛho nkuraa.


Na anafoɔ fam deɛ firi Kiriat-yearim kurotia, na ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ atɔeɛ, na ɛkɔ Neftoa asutire ho.


Na Israelfoɔ tui, na wɔkɔtoo wɔn nkuro da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na wɔn nkuro ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim.


Na wɔkɔe kɔkyeree nsraban Kiriat-yearim wɔ Yuda. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ Mahane-dan de bɛsi nnɛ. Hwɛ, ɛwɔ Kiriat-yearim akyi.


Na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Kiriat-yearimfoɔ nkyɛn sɛ: Filistifoɔ de AWURADE adaka no aba, na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan