Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 14:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Mose kaa ntam da no ara sɛ: Asase a wo nan tiaa soɔ no bɛyɛ wo ne wo mma agyapadeɛ daa, ɛfiri sɛ woadi AWURADE me Nyankopɔn akyi awie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Mose kaa ntam da no ara sɛ: Asase a wo nan tiaa soɔ no bɛyɛ wo ne wo mma agyapadeɛ daa, ɛfiri sɛ woadi AWURADE me Nyankopɔn akyi awie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Enti saa da no, Mose hyɛɛ me bɔ se, ‘Kanaan asase a wokɔnantew so yi bɛyɛ wo ne wʼasefo agyapade sononko daa nyinaa, efisɛ wufi wo koma nyinaa mu adi Awurade, me Nyankopɔn akyi.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Enti saa ɛda no, Mose hyɛɛ me bɔ sɛ, ‘Kanaan asase a wokɔnantee so yi bɛyɛ wo ne wʼasefoɔ agyapadeɛ sononko daa nyinaa, ɛfiri sɛ, wofiri wʼakoma nyinaa mu adi Awurade, me Onyankopɔn akyi.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Mose kaa ntam da no ara sɛ: Asase a wo nan tiaa so no bɛyɛ wo ne wo mma agyapade daa, efisɛ wode wo koma nyinaa adi AWURADE wo Nyankopɔn akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 14:9
8 Iomraidhean Croise  

na wɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ, na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no, wɔn na wɔbɛnya asase no adie.


Na wɔforo faa nifa fam, na wɔduruu Hebron deɛ Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron deɛ, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim.)


Gye Yefune ba Kaleb, ɔno na ɔbɛhunu, na ɔno na mede asase a ɔtiaa soɔ no bɛma no ne ne mma, ɛfiri sɛ wadi AWURADE akyi.


Baabiara a mo nan bɛtia no bɛyɛ mo deɛ, ɛfiri ɛserɛ so ne Lebanon, ɛfiri Asubɔntene Eufrate ho, kɔsi akyiri po no ano bɛyɛ mo asase.


Baabiara a mo nan bɛtia no, mo na mede mama mo, sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Mose no,


Na afei hwɛ, AWURADE ama matena ase sɛdeɛ ɔkaeɛ no, mfirinhyia aduanan nnum yi, ɛfiri berɛ a AWURADE kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose berɛ a na Israel nam serɛ soɔ no. Na afei, hwɛ, ɛnnɛ madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnum.


Na wɔde Hebron maa Keleb, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu Anak mma baasa no firii hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan