Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 14:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Yudafoɔ no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenesini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wonim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Yudafoɔ no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenesini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wonim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wotuu asomafo fi Yuda abusuakuw mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua se, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn nipa, a ɛfa me ne wo ho, bere a na yɛwɔ Kades-Barnea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔtuu asomafoɔ firi Yuda abusuakuo mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn onipa, a ɛfa me ne wo ho wɔ ɛberɛ a na yɛwɔ Kades-Barnea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Yudafo no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenisini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wunim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 14:6
30 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, Nyankopɔn nipa bi firi Yuda nam AWURADE asɛm so baa Betel, na Yeroboam gyina afɔrebukyia no ho rebɛhye aduhwam.


na ɔsii mu tii Nyankopɔn nipa no, na ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum kɛseɛ no aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wone Nyankopɔn nipa a wofiri Yuda baeɛ no? Na ɔse: Mene no.


Na ɔkaa sɛ: Afeda sɛsɛberɛ yi mu no, wobɛwo ɔba. Na ɔse: Nyɛ saa, me wura, Nyankopɔn nipa, nni atorɔ nkyerɛ w’afenaa.


Na ɔbarima bi nso firi Baal-salisa bae, na ɔbrɛɛ Nyankopɔn nipa no aba a ɛdi kan paanoo, atokoɔ paanoo aduonu ne ayuo foforɔ a wɔnhwaneeɛ. Na ɔkaa sɛ: Fa ma nkurɔfoɔ no na wɔnni.


Na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, mahunu sɛ Nyankopɔn nipa kronkron ne oyi a ɔbɛsene yɛn nkyɛn daa yi;


Na ɔgyenee n’ani hwɛɛ no dinn kɔsii sɛ n’ani wuiɛ, na Nyankopɔn nipa no sui.


Na Elisa kɔɔ Damasko; nso na Siriahene Ben-hadad yare; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nyankopɔn nipa no aba ha.


Na wɔbɔɔ Nyankopɔn nipa Mose mma din fraa Lewi abusuakuo no mu.


AWURADE, wo na woayɛ yɛn dwanekɔbea, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


na mede wɔn baa AWURADE fie. Mekɔɔ Nyankopɔn nipa Yigdalia ba Hanan mma pia a ɛwɔ mmapɔmma pia no ho, ɔpono ano hwɛfoɔ Salum ba Maaseia pia atifi no mu,


Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo no nyinaa nkyɛn Paran serɛ so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn.


Na Kaleb dwodwoo ɔman no maa Mose, na ɔkaa sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no. Na tumi deɛ, yɛbɛtumi wɔn.


Yuda abusuakuo deɛ, Yefune ba Kaleb;


Na m’akoa Kaleb deɛ, sɛ honhom a ɛso wɔ ne mu na wadi m’akyi awie nti, mede no bɛduru asase a ɔkɔɔ soɔ no so, na n’asefoɔ adi so.


morennuru asase a memaa me nsa so mekyerɛɛ sɛ mede mo bɛtena soɔ no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.


Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra asase no srafoɔ no mu no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu,


ɛfiri sɛ AWURADE aka akyerɛ wɔn sɛ wuo na wɔbɛwuwu serɛ soɔ, na wɔn mu biara anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua nko.


Gye Kenisini Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua, ɛfiri sɛ wɔn na wɔadi AWURADE akyiri nokorɛ mu.


Na yei ne nhyira a Nyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfoɔ ansa na ɔrewuo. Na ɔkaa sɛ:


Na odiyifoɔ bi ansɔre Israel mu bio a ɔte sɛ Mose a AWURADE ne no nyaa nkitahodie a emu dɔ yie.


Na AWURADE akoa Mose wuu wɔ hɔ, Moab asase so sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na wo, Nyankopɔn nipa, deɛ, dwane yeinom, na di tenenee, onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyiri.


Na Nyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.


Na Yosua ne Israel a wɔka ne ho no nyinaa sane baa Gilgal nsraban no mu.


Ɛno nti na Hebron yɛɛ Kenesini Yefune ba Kaleb agyapadeɛ de bɛsi nnɛ da yi, ɛfiri sɛ ɔdii AWURADE Israel Nyankopɔn no akyi yie.


Ɛnna Kaleb nua Kenas ba Otniel kɔfaeɛ, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ.


Na ɔman no foro firii Yordan mu bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so du, na wɔkyeree nsraban Gilgal, Yeriko apueeɛ hyeɛ so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan