Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 13:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na wɔn hyeɛ ne Yaser ne Gilead nkuro no nyinaa, ne Amonfoɔ asase fa, de kɔsi Aroer a ɛda Raba anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Na wɔn hyeɛ ne Yaser ne Gilead nkuro no nyinaa, ne Amonfoɔ asase fa, de kɔsi Aroer a ɛda Raba anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Wɔn asase no yɛ Yaser, Gilead nkurow nyinaa, ne Amon asase no fa, kosi Aroer kurow a ɛwɔ Raba atɔe fam pɛɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Wɔn asase no yɛ Yaser, Gilead nkuro nyinaa, ne Amon asase no fa, kɔsi Aroer kuro a ɛwɔ Raba atɔeɛ fam pɛɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Na wɔn hye ne Yaser ne Gilead nkurow no nyinaa, ne Amonfo asase fa, de kosi Aroer a ɛda Raba anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 13:25
21 Iomraidhean Croise  

Na afe bi mu wɔ ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ a ahemfo tu sa mu no, Dawid somaa Yoab a ne nkoa ka ne ho, ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ; na wɔkɔtuaa Raba. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem.


Na Yoab ne Amonfoɔ a wɔwɔ Raba koe, na ɔgyee ahenkuro no.


Na wɔkɔtwaa Yordan, na wɔkɔsoɛɛ Aroer, kuro bi a ɛda Gad subonhwa no mu a ɛkyerɛ Yaser no nifa,


Hebronfoɔ no mu na Yeria yɛ panin sɛdeɛ Hebronfoɔ no awoɔ ntoatoasoɔ ne agyanom teɛ. (Dawid ahennie afe a ɛtɔ so aduanan mu na wɔhwehwɛɛ wɔn mu, na wɔhunuu wɔn mu mmarima a wɔtumi wɔn ho wɔ Yaser-gilead.)


ne Hesbon ne ɛho asase ne Yaser ne ɛho mmoa adidibea nsase.


Na Hesbon mfuo ahye; Sibma bobe no, amanaman wuranom abubu ne mman koraa; ɛkɔduruu Yaser, na ɛkyinii serɛ so. Ne mman trɛtrɛe, ma ɛkɔtwaa po.


Wɔbɛgya Aroer nkuro, mmoakuo bɛfa na wɔbɛbutubutu hɔ, na deɛ ɔbɛtu wɔn nni hɔ.


Mede Yaser su no bi mesu wo, O Sibma obobe. Wo mman atra ɛpo, akɔduru Yaser po ano. Wo nnuabateɛ ne wo bobe abateɛ so na ɔsɛefoɔ no aba,


Siesie ɔkwan a nkrantɛ no mfa so mmra Amonfoɔ kuro Raba ne Yuda kuro a ɛwɔ Yerusalem a ɛyɛ den no mu.


na mɛsɔ Raba fasuo mu gya, na ahye n’aban denden no, na wɔbɛte ɔko mu gyegyeegye, na ɔko no bɛyɛ den sɛ ahumtuo da no kirididibɔ mu.


Na Mose somaa maa wɔkɔsraa Yaser, na wɔfaa ne nkuraa, na ɔtuu Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no.


ne Atrot-sofan ne Yaser ne Yogbeha,


na woduru Amon mma hyeɛ so a, nteetee wɔn, anaasɛ ɛne wɔn nnni aperepereɛ, na meremma wo Amon mma asase no bi nni so, ɛfiri sɛ mede mama Lot mma sɛ wɔnni so.


(Na Basanhene Og nko na aka wɔ abrane akɛseɛ nkaeɛ no mu. Hwɛ, ne mpa a ɛyɛ dadeɛ mpa, ɛnsi Amon mma Raba anaa? Ne tentene basafa nan ne fa, na ne tɛtrɛtɛ basafa mmienu, sɛdeɛ onipa basafa teɛ.)


ne Gilead ne Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ asase ne Hermon bepɔ nyinaa ne Basan nyinaa de kɔsi Salka;


Na Mose de maa Gad abusuakuo, Gadfoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.


na ɛfiri Hesbon de kɔsi Ramat-mispe ne Betonim, na ɛde firi Mahanaim de kɔsi Debir hyeɛ so;


Hesbon ne ɛho asase, Yaser ne ɛho asase: Nkuro nnan.


Gilead te Yordan agya; na Dan deɛ, adɛn nti na ɔne ahyɛn teɛ? Aser te mpoano, na ne dɔnnɔn ho na ɔteɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan