Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 12:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 mmepɔ no so ne ɛpo ho Araba so ne mmepɔ no ase ne ɛserɛ no so ne anafoɔ no: Hetifoɔ, Amorifoɔ ne Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase no):

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 mmepɔ no so ne ɛpo ho Araba so ne mmepɔ no ase ne ɛserɛ no so ne anafoɔ no: Hetifoɔ, Amorifoɔ ne Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase no):

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.) Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 a ɛne bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, mmepɔ mmepɔ nsianeɛ, Yudea ɛserɛ so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beaeɛ hɔ no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 mmepɔw no so ne po ho asasetaw so ne Araba so ne mmepɔw no ase ne sare no so ne nifa no: Hetifo, Amorifo ne Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo asase no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 12:8
14 Iomraidhean Croise  

Hiwifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ,


Na Abram dii atutena ara kɔɔ Negeb.


Na akasakasa baa Abram mmoahwɛfoɔ ne Lot mmoahwɛfoɔ ntam. Na berɛ no mu na Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ tete asase no so.


Na me bɔfoɔ no bɛdi w’anim de wo akɔduru Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu, na matu wɔn agu.


Na masiane sɛ merebɛyi wɔn Misraimfoɔ nsam, na matu wɔn afiri asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ tenabea hɔ.


Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpamo amanaman pii firi w’anim, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene woɔ,


Israel, tie! Worebɛtwa Yordan nnɛ akɔ akɔtu amanaman a wɔsoso na wɔn ho yɛ den sene woɔ, afa nkuro akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo akɔ soro,


Na Yosua sɛee asase no nyinaa: Mmepɔ no ne Negeb ne ɛpo ho mpaperɛ so ne mmepɔ ase ne wɔn ahemfo nyinaa; wannya odwanefoɔ biara, na adeɛ biara a ɛhome no, ɔsɛee no pasapasa, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛeɛ no.


Na Yosua faa asase yi nyinaa, mmepɔ no ne anafoɔ nyinaa ne Gosen asase nyinaa ne ɛpo ho mpaperɛ no ne mpaperɛ so ne Israel mmepɔ ne ɛho asase ta no;


Ɛnna Yosua kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no wɔ mo mu, na pamo na ɔbɛpamo Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Hewifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri mo anim.


Na ahemfo a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔ so nyinaa ne Sefela mpaperɛ so ne ɛpo kɛseɛ no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentensoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no teeɛ no,


Ɛno akyiri no, Yudafoɔ no sianee na wɔne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ soɔ ne Negeb asase soɔ ne po ho mpaperɛ soɔ no kɔkoe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan