Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 12:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na yeinom ne asase no so ahemfo a Yosua ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn Yordan agya atɔeɛ fam, firi Baal-gad a ɛda Lebanon bonhwa no mu de kɔsi bepɔ a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; (na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo sɛ wɔnni so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu no teɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na yeinom ne asase no so ahemfo a Yosua ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn Yordan agya atɔeɛ fam, firi Baal-gad a ɛda Lebanon bonhwa no mu de kɔsi bepɔ a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; (na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo sɛ wɔnni so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu no teɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Saa ahemfo a wɔn din didi soɔ yi na Yosua ne Israel akodɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔeɛ fam firi Baal-Gad wɔ Lebanon bɔnhwa mu de kɔsi Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir no. Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo no sɛ wɔn agyapadeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na eyinom ne asase no so ahene a Yosua ne Israelfo kunkum wɔn Yordan agya atɔe fam, fi Baal-gad a ɛda Lebanon bon no mu de kosi bepɔw a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw sɛ wonni so, sɛ wɔn nkyekyem no te,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 12:7
16 Iomraidhean Croise  

ne Horifoɔ wɔ wɔn bepɔ Seir so de kɔsii El-paran a ɛwɔ ɛserɛ soɔ no.


Na Yakob tuu abɔfoɔ dii n’anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wiram.


Yeinom ne Horini Seir mma asase no sofoɔ: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,


otitire Dison, otitire Eser, otitire Disan. Yeinom ne Horifoɔ atitire sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ wɔ Seir asase soɔ.


Esau, a ɔno ara ne Edom no kɔtenaa Seir bepɔ so.


Amorifoɔ hene Sihon, ne Basan hene Og, ne Kanaan ahennie nyinaa,


Ɛnna yɛdanee yɛn ho tuu yɛn kwan kɔɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ me no, na yɛkonton faa Seir bepɔ ho nna pii.


na hyɛ ɔman no sɛ: Morebɛtwam mo nuanom Esau mma a wɔte Seir no hyeɛ so, na wɔsuro mo, monhwɛ mo ho yie,


ɛfiri bepɔ a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kɔsi Baal-gad, Lebanon bonhwa no mu Hermon bepɔ ase. Na wɔn ahemfo no nyinaa Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkumm wɔn.


Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.


Na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no gyinaa asase pɛsɛɛ so Yordan mfimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase pɛsɛɛ so twa de kɔsii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.


Na ahemfo a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔ so nyinaa ne Sefela mpaperɛ so ne ɛpo kɛseɛ no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentensoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no teeɛ no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan