Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 12:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 ne Araba so de kɔsi Kinerot po no ano apueeɛ fam, na ɛde kɔsi Araba po no a ɛne Nkyene Po no ano, apueeɛ Bet-yesimot kwan so, ne anafoɔ fam Pisga bepɔ ase no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 ne Araba so de kɔsi Kinerot po no ano apueeɛ fam, na ɛde kɔsi Araba po no a ɛne Nkyene Po no ano, apueeɛ Bet-yesimot kwan so, ne anafoɔ fam Pisga bepɔ ase no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛfiri Yordan bɔnhwa atifi a ɛbɛn Galilea ɛpo no atɔeɛ fam mpoano na ɛsiane ba anafoɔ fam bɛsi Nkyene Ɛpo, firi Bet-Yesimot kɔsi Pisga nsianeɛ so hyɛɛ Sihon ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 ne Araba so de kosi Kinerot po no ano apuei fam, na ɛde kosi Araba so po no a ɛne Nkyene-Po no ano, apuei Bet-yesimot kwan so, ne nifa fam Pisga bepɔw ase no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 12:3
15 Iomraidhean Croise  

Ahemfo yeinom nyinaa bɛhyiaa Sidim bonhwa mu, (ɛno ne Nkyene Po no).


Na ɔbutuu nkuro no ne kanko no nyinaa ne wɔn a wɔtete nkuro no mu nyinaa ne deɛ afifiri asase no soɔ.


Na Ben-hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa asafohene a ɔwɔ no maa wɔkɔko tiaa Israel nkuro, na ɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-bet-maaka ne Kinerot nyinaa ne Naftali asase nyinaa.


hwɛ, merebue Moab nkyɛn mu afiri nkuro no so, nkuro a ɛdeda n’ahyeɛ so ho, asase a ɛyɛ no, Bet-yesimot, Baal-meon de kɔka Kiriataim,


na wɔfiri Bamot kɔɔ bonhwa a ɛwɔ Moab petee mu, Pisga atifi a ɛkyerɛ anwea pradada soɔ no mu.


na ɛhyeɛ no mfiri Sefam nsiane nkɔ Ribla, Ain apueeɛ, na ɛhyeɛ no nsiane ara nkɔpem Kineret Po no nsunoa, apueeɛ;


Na ɛbaa sɛ nkurɔfokuo no kyeree ne so sɛ wɔrebɛtie Nyankopɔn asɛm no, na ɔgyina Genesaret tadeɛ no ho;


Yeinom akyiri no, Yesu sii mu kɔɔ Galilea po a ɛne Tiberia po no agya.


Araba mpaperɛ so ne Yordan ne ɛho asase, ɛfiri Kineret kɔsi Araba mpaperɛ so po a ɛne Nkyene Po no ano wɔ Pisga bepɔ ase apueeɛ fam.


ne Araba mpaperɛ a ɛda Yordan agya apueeɛ no nyinaa kɔduru Araba mpaperɛ so ɛpo no ano wɔ Pisga ase.


ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ soɔ ne Kinerot anafoɔ fam mpaperɛ so ne Dor nkokoɔ so, atɔeɛ po fam


ne Bet-peor ne Pisga bepɔ ase ne Bet-yesimot,


Na wɔn anafoɔ fam hyeɛ no firi Nkyene Po awieeɛ no ho dɔnnɔn a ɛbu fa anafoɔ fam no ano.


Na apueeɛ hyeɛ ne Nkyene Po no de bɛsi Yordan awieeɛ. Na atifi fam hyeɛ no firi Nkyene Po ho dɔnnɔn a ɛwɔ Yordan awieeɛ no ho.


ɛnna nsuo a ɛfiri atifi ba no gyina bɔɔ kuo baako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsuo a ɛsiane kɔ mpaperɛ mu po a ɛne Nkyene-po no mu no twa wiee koraa. Na ɔman no twae, Yeriko ntentensoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan