Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 12:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ no kunkumm wɔn na wɔdii wɔn asase soɔ wɔ Yordan agya deɛ owiapueeɛ hɔ, firi Arnon subonhwa ho de kɔsi Hermon bepɔ ho ne Araba a ɛwɔ apueeɛ no nyinaa so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ no kunkumm wɔn na wɔdii wɔn asase soɔ wɔ Yordan agya deɛ owiapueeɛ hɔ, firi Arnon subonhwa ho de kɔsi Hermon bepɔ ho ne Araba a ɛwɔ apueeɛ no nyinaa so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yeinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a wɔkunkumm wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no firi Arnon Subɔnhwa kɔsi Bepɔ Hermon so a Yordan Bɔnhwa asase a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom ne asase no so ahene a Israelfo no kunkum wɔn na wodii wɔn asase so wɔ Yordan agya owiapuei hɔ, fi Arnon subon ho de kosi Hermon bepɔw ho ne Araba a ɛwɔ apuei no nyinaa so:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 12:1
24 Iomraidhean Croise  

Uri ba Geber wɔ Gilead asase so, Amorifoɔ hene Sihon ne Basanhene Og asase so, na toɔ sohwɛfoɔ baako na ɔwɔ Yuda asase no soɔ.


Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, aane, nkwa de kɔsi daa.


Na ɔde wɔn asase maa sɛ apɛgyadeɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Atifi fam ne anafoɔ fam, wo ara na wobɔeɛ, Tabor ne Hermon di wo din mu ahurisie.


Na Moab mmammaa bɛyɛ sɛ nnomaa a wɔtu kyini, pirebuo a wɔayi no Arnon asutwareeɛ.


Ɛhɔ na wɔfiri tu kɔkyeree nsraban wɔ Asubɔnten Arnon a ɛsene serɛ soɔ a ɛfiri Amori hyeɛ soɔ no agya, ɛfiri sɛ Arnon ne ɛhyeɛ a ɛda Moab ne Amori ntam.


Na Israel somaa abɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔ hene Sihon nkyɛn kɔkaa sɛ:


Na Israel kumm no nkrantɛ ano faa n’asase firi Arnon kɔɔ Yabok so kɔduruu Amonfoɔ ho, ɛfiri sɛ na Amonfoɔ no hyeɛ so hɔ yɛ den.


Na yɛne wɔn remfa agyapadeɛ wɔ Yordan agya ne akyire, ɛfiri sɛ yɛn agyapadeɛ abɛfiri Yordan agya ha wɔ apueeɛ fam ama yɛn.


Yɛn deɛ, yɛbɛmia adi AWURADE anim atwam akɔ Kanaan asase so, na yɛn agyapadeɛ a yɛanya Yordan agya ha no atena yɛn hɔ.


Ɛnna Mose de Amorifoɔ hene Sihon ahennie ne Basan hene Og ahennie, asase no ne n’ahyeɛ mu nkuro, asase no so nkuro a atwa ahyia nyinaa maa Gad mma ne Ruben mma ne Yosef ba Manase abusuakuo fa.


Monsɔre ntu nkɔtwa Arnon subonhwa; hwɛ, mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne n’asase mahyɛ wo nsa, firi aseɛ di so na ɛne no nni aperepereɛ na monko.


Ɛnna Sihon firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ ɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas.


Ɛnna yɛdanee yɛn ani foro kɔɔ Basan kwan soɔ; na Basan hene Og firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa ne yɛn bɛkoe wɔ Edrei.


Na yei ne mmara a Mose de too Israelfoɔ no anim.


Yordan agya, bonhwa no mu, Bet-peor ntentensoɔ, Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a Mose ne Israelfoɔ firi Misraim baeɛ no, wɔkum no no asase so.


ɛfiri Areor a ɛda Arnon subonhwa ano kɔsi Sion bepɔ (a ɛne Hermon ho),


nkɔsi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wɔbɛdi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasane aba mo sodie asase no so abɛdi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapueeɛ hɔ no.


ɛfiri bepɔ a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kɔsi Baal-gad, Lebanon bonhwa no mu Hermon bepɔ ase. Na wɔn ahemfo no nyinaa Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkumm wɔn.


Kanafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ ne Amorifoɔ ne Hetifoɔ ne Perisifoɔ ne mmepɔ so Yebusifoɔ ne Hewifoɔ a wɔwɔ Hermon bepɔ ase Mispa asase soɔ no nkyɛn.


Manase fa ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ anya wɔn agyapadeɛ a Mose de maa wɔn Yordan agya apueeɛ no, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose de maa wɔn no,


Na afei AWURADE mo Nyankopɔn de mo nuanom atena ase dwoodwoo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no; enti monsane na monkɔ mo ntomadan mu, mo agyapadeɛ asase a AWURADE akoa Mose de maa mo Yordan agya no so.


Na wɔnantee ɛserɛ so kɔtwaa Edom asase ne Moab asase ho kɔntɔnkrɔn, na wɔbɛfirii Moab asase no apueeɛ, na wɔbɛkyeree nsraban Arnon agya nohoa, na wɔamma Moab asase so, ɛfiri sɛ Arnon ne Moab bɔ hyeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan