Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 11:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn na ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu, me na mɛma woaku wɔn nyinaa Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn na ɔkyena sɛsɛberɛ me na mɛma woaku wɔn nyinaa Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro wɔn. Ɔkyena sesɛɛ bere mu na wɔn nyinaa atotɔ. Bubu wɔn apɔnkɔ no nan na hyew wɔn nteaseɛnam no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nsuro wɔn. Ɔkyena sɛsɛɛ berɛ mu na wɔn nyinaa atotɔ. Bubu wɔn apɔnkɔ no nan na hye wɔn nteaseɛnam no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn anim, na ɔkyena sesɛbere, me na mɛma woakum wɔn nyinaa, Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hyew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 11:6
24 Iomraidhean Croise  

Na Dawid kyeree wɔn apɔnkɔsotefoɔ no mu apem ahanson ne anammɔnmufoɔ mpem aduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ.


Na ɔse: Nsuro, na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sene wɔn a wɔka wɔn ho no.


Ɔkyena, monsiane nkɔ wɔn so, hwɛ, wɔreforo Sis aforoeɛ aba, na mobɛkɔ akɔto wɔn bonhwa no awieeɛ Yeruel serɛ anim.


Monyɛ komm na monhunu sɛ mene Onyankopɔn. Wɔmma me so amanaman mu, wɔmma me so asase so.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano, ɔbubu tadua mu na ɔtwitwa pea mu asinasini, ɔde ogya hye nteaseɛnam.


Ɔteneneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wɔbɛhyira ne mma wɔ n’akyi.


na mokaa sɛ: Dabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtena adwane. Enti dwane na mobɛdwane! Na mmoa ahoɔharefoɔ so na yɛbɛtena akorɔ. Enti wɔn a wɔti mo no ho bɛyɛ hare!


Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti, ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ, na AWURADE akyiri kwan nso, wɔnhwehwɛ.


Ɛnna Israel nkuro mufoɔ bɛfiri adi akɔto akodeɛ no mu gya ahyeɛ, akyɛm nkumaa ne akyɛm akɛseɛ, tadua ne agyan ne mporibaa ne mpea, na wɔde ayɛ nnyina asɔ mfeɛ nson;


Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame! bio; ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.


Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛma ne nteaseɛnam ahye wisie mu, na afena bɛdi w’agyataburuwa no; na mɛtwa wo fom adeɛ no afiri asase so, na wɔrente w’abɔfoɔ no nne bio.


Na sɛe aman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛma woɔ no nyinaa; mma w’ani nnhu wɔn mmɔbɔ, na nsom wɔn anyame, ɛfiri sɛ ɛno bɛyɛ fidie ama wo.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsa na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.


Na ahemfo yi nyinaa bɛhyiae, na wɔba bɛkyekyeree nsraban faako, Merom asuo ho sɛ wɔne Israel rebɛko.


Ɛnna Yosua ne akofoɔ dɔm a wɔka ne ho no nyinaa baa wɔn soɔ mpofirim, Merom asuo no ano bɛtuaa wɔn.


Na Yosua yɛɛ wɔn sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, wɔn apɔnkɔ no, ɔtwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monte mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ mo mu anwanwadeɛ.


na Aaron ba Eleasa ba Pinehas na ɔgyina n’anim nna no mu.) Na wɔkaa sɛ: Memfiri adi bio ne me nua Benyamin mma nkɔko anaasɛ mennyae? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ, na ɔkyena mede no bɛhyɛ mo nsa.


Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre siane kɔ nsraban no mu, na mede mahyɛ wo nsa.


Na wɔka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔbaeɛ no sɛ: Sei na monkɔka nkyerɛ Yabes-gileadfoɔ no nie: Ɔkyena a owia mu reyɛ den no, mobɛnya ɔgyeɛ. Na abɔfoɔ no ba bɛka kyerɛɛ Yabesfoɔ no, wɔn ani gyee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan