Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 11:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Kanafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ ne Amorifoɔ ne Hetifoɔ ne Perisifoɔ ne mmepɔ so Yebusifoɔ ne Hewifoɔ a wɔwɔ Hermon bepɔ ase Mispa asase soɔ no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Kanafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ ne Amorifoɔ ne Hetifoɔ ne Perisifoɔ ne mmepɔ so Yebusifoɔ ne Hewifoɔ a wɔwɔ Hermon bepɔ ase Mispa asase soɔ no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Kanaan ahemfo a wɔwɔ apuei ne atɔe; Amorifo ahemfo ne Hetifo ahemfo ne Perisifo ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifo mmepɔw asase so; ne Hewifo a wɔwɔ nkurow a ɛwɔ Hermon bepɔw ase wɔ Mispa asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Kanaan ahemfo a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ; Amorifoɔ ahemfo ne Hetifoɔ ahemfo ne Perisifoɔ ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifoɔ mmepɔ asase so; ne Hewifoɔ a wɔwɔ nkuro a ɛwɔ Hermon bepɔ ase wɔ Mispa asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Kanaanfo a wɔwɔ Apuei ne atɔe ne Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne mmepɔw so Yebusifo ne Hewifo a wɔwɔ Hermon bepɔw ase, Mispa asase so no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 11:3
30 Iomraidhean Croise  

ne Mispa, ɛfiri sɛ ɔse: Sɛ yɛtete mu a, AWURADE nhwɛ me ne wo ntam.


Na ɔbɔfoɔ no tenee ne nsa Yerusalem so sɛ ɔresɛe no no, AWURADE nuu ne ho mmusuo no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no sɛ: Ayɛ yie, pono wo nsa. Na AWURADE bɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporebea ho.


Na wɔduruu Tiro kuro a ɛyɛ den no ne Hewifoɔ ne Kanaanfoɔ nkuro nyinaa mu. Na wɔfiri hɔ baa Yuda anafoɔ fam wɔ Beer-seba.


Ɛnna Ɔhene Asa maa wɔpaee no Yuda nyinaa, wɔanyi obiara amfiri mu, na wɔkɔsoaa Rama aboɔ ne nnua a Baasa de kyekyereeɛ no, na Ɔhene Asa de kyekyeree Geba-benyamin ne Mispa.


Nkurɔfoɔ a wɔaka wɔ Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ mu a wɔmfiri Israelfoɔ mu no,


Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, aane, nkwa de kɔsi daa.


Atifi fam ne anafoɔ fam, wo ara na wobɔeɛ, Tabor ne Hermon di wo din mu ahurisie.


M’ayeforɔ, ɛne me mfiri Lebanon, ɛne me mfiri Lebanon nkɔ, na yɛmfiri Amana atifi, Senir ne Hermon atifi, agyata tenabea, asebɔ mmepɔ so, nhwɛ fam.


Na me deɛ, hwɛ, mete Mispa, sɛ mɛgyina Kaldeafoɔ a wɔba yɛn nkyɛn no anim; na mo deɛ, monkɔboaboa nsa ne nnuaba ne ngo ano ngu mo nnoɔma mu, na montena mo nkuro a moafa no mu.


Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no kɔtenaa nkurɔfoɔ a wɔgyaa wɔn asase no soɔ no mu.


na ɔman a Ismael faa wɔn nnommum firii Mispa no danedanee wɔn ho sanee wɔn akyiri baa Karea ba Yohanan nkyɛn.


Na Yudafoɔ a wɔne ɔno Gedalia te Mispa no nyinaa ne Kaldeafoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ a wɔyɛ akofoɔ no nso, Ismael kunkumm wɔn.


Amalek te Negeb asase so, na Hetifoɔ ne Yebusifoɔ ne Amorifoɔ tete bepɔ so, na Kanaanfoɔ tete mpoano ne Yordan ho.


ɛfiri Areor a ɛda Arnon subonhwa ano kɔsi Sion bepɔ (a ɛne Hermon ho),


Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpamo amanaman pii firi w’anim, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene woɔ,


ɛfiri bepɔ a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kɔsi Baal-gad, Lebanon bonhwa no mu Hermon bepɔ ase. Na wɔn ahemfo no nyinaa Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkumm wɔn.


Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wɔkunkumm wɔn na wɔtaa wɔn de kɔduruu Sidon kɛseɛ ne Misrefot-maim ho ne Mispa bonhwa no mu apueeɛ fam, na wɔkunkum wɔn de kɔsii sɛ wɔannya wɔn odwanefoɔ biara.


ne Gilead ne Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ asase ne Hermon bepɔ nyinaa ne Basan nyinaa de kɔsi Salka;


ne Gebalfoɔ asase ne Lebanon nyinaa wɔ owiapueeɛ de firi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔ aseɛ de kɔsi Hamat fam;


ne Dilean ne Mispe ne Yokteel,


Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Yudafoɔ no antumi antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Yudafoɔ no tenaa Yerusalem de bɛduru nnɛ yi.


ne Mispe ne Kefira ne Mosa,


Ɛnna Yosua kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no wɔ mo mu, na pamo na ɔbɛpamo Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Hewifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri mo anim.


Ɛnna Israelfoɔ nyinaa tuiɛ, na asafo no ano bɛhyiaa sɛ onipa baako, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa AWURADE nkyɛn.


Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Israel mmusuakuo nyinaa mu hwan na wamma dwabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Ɛfiri sɛ wɔaka ntankɛseɛ agu deɛ wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Kum na wɔnku no.


Na wɔkaa sɛ: Israel mmusuakuo mu hwan ara mpo na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfiri Yabes-gilead amma badwa no mu, nsraban no mu.


Filistifoɔ ahemfo baanum no ne Kanaanfoɔ ne Sidonfoɔ ne Hewifoɔ a wɔte Lebanon bepɔ soɔ de firi Baal-hermon bepɔ ho kɔsi Hamet ahyɛneeɛ no nyinaa.


Na Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu.


Na Samuel hyiaa ɔman no baa AWURADE nkyɛn Mispa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan