Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 11:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Enti Yosua faa asase no nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Ɔde maa Israelfo sɛ wɔn agyapade sononko kyekyɛɛ mu maa mmusuakuw no. Enti awiei no asase no so dwoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Enti, Yosua faa asase no nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Ɔde maa Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko kyekyɛɛ mu maa mmusuakuo no. Enti awieeɛ no asase no so dwoeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel ma ɛyɛɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn nkyekyem te, wɔn mmusuakuw no mu. Na asase no home fii akodi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 11:23
20 Iomraidhean Croise  

Na wɔn mma no baa so bɛdii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ no, ase wɔ wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahemfo ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.


Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano, ɔbubu tadua mu na ɔtwitwa pea mu asinasini, ɔde ogya hye nteaseɛnam.


Di deɛ mehyɛ wo nnɛ yi so. Hwɛ, meretu Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri w’anim.


asase no na ɛnyɛ ne kyɛfa Israel mu, na m’aberempɔn anhyɛ me man so bio; na wɔmfa asase no mma Israel fie sɛdeɛ wɔn mmusuakuo no teɛ.


Nun ba Yosua a ɔgyina w’anim no, ɔno na ɔbɛduru hɔ; ɔno na hyɛ no den, na ɔno na ɔbɛkyɛ agyapadeɛ no ama Israel.


Enti sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ma wo ɔhome firi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nsa, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa tena soɔ no so a, pepa Amalek nkaeɛ firi asase so; mma wo werɛ mmfi.


Nna bebree na Yosua ne saa ahemfo yi koeɛ.


Na yeinom ne asase no so ahemfo a Yosua ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn Yordan agya atɔeɛ fam, firi Baal-gad a ɛda Lebanon bonhwa no mu de kɔsi bepɔ a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; (na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo sɛ wɔnni so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu no teɛ,


Na Yosua twee ntonto maa wɔn AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ.


Na afei AWURADE mo Nyankopɔn de mo nuanom atena ase dwoodwoo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no; enti monsane na monkɔ mo ntomadan mu, mo agyapadeɛ asase a AWURADE akoa Mose de maa mo Yordan agya no so.


Na AWURADE maa Israel home firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam akyire nna pii, na Yosua abɔ akora na wadi nna bebree no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan