Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 11:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na nkuro yi mu asadeɛ nyinaa ne mmoa no deɛ, Israelfoɔ no fom faeɛ; nanso nnipa no deɛ, wɔde nkrantɛ kunkumm wɔn kɔsii sɛ wɔhyee wɔn aseɛ, wɔannya biribiara a ɛhome.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na nkuro yi mu asadeɛ nyinaa ne mmoa no deɛ, Israelfoɔ no fom faeɛ; nanso nnipa no deɛ, wɔde nkrantɛ kunkumm wɔn kɔsii sɛ wɔhyee wɔn aseɛ, wɔannya biribiara a ɛhome.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Na Israelfo no faa asade ne anantwi a wɔwɔ nkurow mmubui no mu nanso wokum emu nnipa no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Na Israelfoɔ no faa asadeɛ ne anantwie a wɔwɔ nkuro mmubuiɛ no mu nanso wɔkumm emu nnipa no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na nkurow yi mu asade nyinaa ne mmoa no, Israelfo no fom fae, na nnipa no de, wɔde nkrante kunkum wɔn kosii sɛ woguu wɔn ase dwerɛbee a, wɔannyaw biribiara a ɛhome.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 11:14
12 Iomraidhean Croise  

Na Yehosafat ne ne dɔm no kɔ kɔfomm wɔn asadeɛ no, na wɔhunuu wɔn mu ahodeɛ ne ntadeɛ ne nnwinneɛ a ɛyɛ fɛ pii pa ara, na wɔtase fae a na wɔntumi nsoa, na wɔde nnansa fomm asadeɛ no, ɛfiri sɛ na ɛdɔɔso bebree.


Na Israelfoɔ no faa Midian mmaa ne mmɔfra nnommum, na wɔfom wɔn anantwie ne wɔn nnwan ne wɔn ahodeɛ nyinaa;


nanso mmaa ne mmɔfra ne afieboa ne deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa, emu asadeɛ nyinaa deɛ, fom fa, na di w’atamfo asadeɛ a AWURADE wo Nyankopɔn de ama woɔ no.


Na amanaman yi nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no mu deɛ, mma biribiara a ɛhome nnnya nkwa,


Na Yosua sɛee asase no nyinaa: Mmepɔ no ne Negeb ne ɛpo ho mpaperɛ so ne mmepɔ ase ne wɔn ahemfo nyinaa; wannya odwanefoɔ biara, na adeɛ biara a ɛhome no, ɔsɛee no pasapasa, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛeɛ no.


Na wɔde nkrantɛ ano kunkumm akra a ɛwɔ mu nyinaa sɛee wɔn pasapasa, wɔannya biribiara a ɛhome, na ɔde ogya hyee Hasor.


Nanso nkuro a ɛda so sisi wɔn sibea no nyinaa, Israel anhyehye, gye Hasor nko na Yosua hyeeɛ.


Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛeɛ; wanyi asɛm bi amfiri deɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu.


Na yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no: Emu asadeɛ ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛfoɔ ma wɔnkɔtɛ kuro no akyiri mma wo.


Kuro no mu mmoa ne asadeɛ nko na Israel fom faeɛ, sɛ AWURADE asɛm a ɔde hyɛɛ Yosua no teɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan