Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 11:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ahemfo yi nkuro nyinaa ne emu ahemfo nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn sɛee wɔn pasapasa, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na ahemfo yi nkuro nyinaa ne emu ahemfo nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn sɛee wɔn pasapasa, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yosua kunkum ahemfo a wɔaka no nyinaa ne wɔn manfo sɛee wɔn pasaa sɛnea Mose, Awurade somfo, hyɛe no pɛpɛɛpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yosua kunkumm ahemfo a aka no nyinaa ne wɔn manfoɔ sɛee wɔn pasaa sɛdeɛ Mose, Awurade ɔsomfoɔ, hyɛɛ no pɛpɛɛpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na ahene yi nkurow nyinaa ne emu ahene nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrante kunkum wɔn sɛee wɔn pasaa, sɛnea AWURADE akoa Mose hyɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 11:12
18 Iomraidhean Croise  

na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma woku wɔn a, ɛnneɛ sɛe wɔn pasapasa; wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ;


Na hunu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne deɛ ɔdi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyeɛ; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ woɔ no.


Na Yosua ne Israelfoɔ no de okunkɛseɛ pa kunkum wɔn wieeɛ maa wɔsaeɛ no, na nnipa a wɔfirii mu no dwanedwane kɔhyɛnehyɛnee nkuro a wɔatoto ho afasuo mu,


Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.


Na AWURADE de ɛno nso hyɛɛ Israel nsa ne emu hene, na ɔde nkrantɛ ano kumm akra a wɔwɔ mu no nyinaa, wamma obiara anka wɔ mu, na ɔyɛɛ ne hene no sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.


Na AWURADE de Lakis hyɛɛ Israel nsa, na wɔfae, da a ɛtɔ so mmienu no, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne akra a wɔwɔ mu nyinaa, sɛdeɛ ɔyɛɛ Libna no ara.


Na wɔfae, da no ara, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne nnipa a ɛwɔ mu nyinaa; da no ara na ɔsɛee wɔn pasapasa sɛdeɛ ɔyɛɛ Lakis no ara.


Na wɔfae de nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne emu hene ne wɔn nkuro no nyinaa ne akra a ɛwɔ mu nyinaa. Wamma obiara anka, sɛdeɛ ɔyɛɛ Eglon no ara, na ɔsɛee ɛno ne akra a ɛwɔ mu nyinaa pasapasa.


Nanso nkuro a ɛda so sisi wɔn sibea no nyinaa, Israel anhyehye, gye Hasor nko na Yosua hyeeɛ.


Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛeɛ; wanyi asɛm bi amfiri deɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu.


wɔn a wɔte bepɔ no soɔ nyinaa, de firi Lebanon ho de kɔsi Misrefot-maim, Sidonfoɔ nyinaa; me ara, mɛtu wɔn afiri Israelfoɔ no anim; ɛso ntonto nko na twe ma Israel na wɔmfa nni so, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no.


Na AWURADE maa wɔn asomdwoeɛ hyiae, sɛdeɛ ɔkaa wɔn nananom ntam no ara, na wɔn atamfoɔ nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfoɔ no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.


sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma no mu no, afɔrebukyia a wɔde aboɔ amuamu a obi mmaa dadeɛ so wɔ so pɛn asie; na wɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE, na wɔkunkumm asomdwoeɛ afɔdeɛ.


Na sɛ monya fa kuro no a, monto kuro no mu gya; monyɛ no sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, hyɛ na mahyɛ mo no.


Na wɔbuaa Yosua sɛ: Ampa ara, wɔka kyerɛɛ wo nkoa sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase no nyinaa mma mo na ɔnsɛe asase no sofoɔ nyinaa mfiri mo anim no, na mo nti yɛsuroo yɛn nkwa ho papaapa, enti na yɛdii saa asɛm yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan