Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 10:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Na Yosua kunkumm wɔn firii Kades-barnea kɔduruu Gasa ne Gosen asase no nyinaa kɔduruu Gibeon.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Na Yosua kunkumm wɔn firii Kades-barnea kɔduruu Gasa ne Gosen asase no nyinaa kɔduruu Gibeon.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Yosua kunkum wɔn fi Kades-Barnea kosii Gasa, de fii Gosen koduu Gibeon.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Yosua kunkumm wɔn firi Kades-Barnea kɔsii Gasa, de firii Gosen kɔduruu Gibeon.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Na Yosua kunkum wɔn fii Kades-barnea koduu Gasa, ne Gosen asase no nyinaa koduu Gibeon.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 10:41
19 Iomraidhean Croise  

Na Kanaanfoɔ hyeɛ firi Sidon kɔduru Gerar de kɔsi Gasa kɔduru Sodom, Gomora, Adma ne Seboim de kɔsi Lasa.


Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo anadwo daeɛ mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kaa sɛ: Srɛ deɛ menyɛ mma woɔ.


Askelon bɛhunu na wasuro, na Gasa nso ho apopo biribiri sɛ; na Ekron nso wɔahyɛ n’anidasoɔ aniwuo, na ɔhene bɛyera afiri Gasa, na Askelon nso, wɔrentena mu bio.


Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo no nyinaa nkyɛn Paran serɛ so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn.


Saa na mo nananom yɛeɛ berɛ a mesomaa wɔn firi Kades-barnea sɛ wɔnkɔhwɛ asase no,


na mo hyeɛ no mmra Akrabim aforoeɛ anafoɔ fam, na ɛntwam nkɔ Sin, na ɛmfiri hɔ nkɔ Kades-barnea anafoɔ fam, na ɛmfiri hɔ nkɔ Hasar-adar ntwam nkɔfa Asmon.


Na Awurade bɔfoɔ kasa kyerɛɛ Filipo sɛ: Sɔre kɔ anafoɔ fam kwan a ɛsiane firi Yerusalem kɔ Gasa no so! Ɛyɛ anwea pradada so kwan.


Na yɛtu firii Horeb, na yɛnante faa ɛserɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu a mohunuiɛ nyinaa so, Amorifoɔ bepɔ kwan so, sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no, na yɛduruu Kades-barnea.


Na Awifoɔ nso a wɔtenaa nkuraa nkuraa kɔduruu Gasa no, Kaftorim a wɔfiri Kaftor baeɛ no, wɔbɛsɛee wɔn tenaa wɔn ananmu.)


Na AWURADE somaa mo firi Kades-barnea kaa sɛ: Momforo nkɔfa asase a mede mama mo no, motee AWURADE mo Nyankopɔn anomu asɛm so atua, na moannye no anni, na moantie ne nne.


Ɛno mu na Yosua kasa kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE de Amorifoɔ maa Israel anim no, na ɔkaa no Israel anim sɛ: Owia, twɛn wɔ Gibeon, ne ɔsrane, wɔ Ayalon bonhwa mu.


ne sɛ Gibeonfoɔ ne Israel adi asomdwoeɛsɛm na wɔaba wɔn mu no, wɔsuroo papaapa, ɛfiri sɛ Gibeon yɛ kuro kɛseɛ te sɛ ahennie nkuro no bi, na ɛso sene Ai, na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima.


Na Yosua faa asase yi nyinaa, mmepɔ no ne anafoɔ nyinaa ne Gosen asase nyinaa ne ɛpo ho mpaperɛ no ne mpaperɛ so ne Israel mmepɔ ne ɛho asase ta no;


Wɔannya Anakfoɔ Israelfoɔ no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kaeɛ.


ne Gosen ne Holon ne Gilo: Nkuro dubaako ne ɛho nkuraa.


Na Samson sii mu kɔɔ Gasa, na ɔkɔhunuu ɔbaa dwamamfoɔ bi hɔ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn.


Na Filistifoɔ no kyeree no tutuu n’ani, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam ayuo apokyerɛfoɔ fie.


Na yeinom ne sika mpɔmpɔ a Filistifoɔ de yɛɛ asodie afɔdeɛ de brɛɛ AWURADE no: Asdod deɛ baako, Gasa deɛ baako, Askelon deɛ baako, Gat deɛ baako, Ekron deɛ baako;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan