Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 10:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yerusalemhene Adoni-sedek soma maa wɔkɔɔ Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir nkyɛn sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Yerusalemhene Adoni-sedek soma maa wɔkɔɔ Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir nkyɛn sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforo bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforɔ bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yerusalem hene Adoni-sedek soma kɔɔ Hebron hene Hoham ne Yarmut hene Piram ne Lakis hene Yafia ne Eglon hene Debir nkyɛn sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 10:3
19 Iomraidhean Croise  

Na Sara wuu wɔ Kiriat-arba, (ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no. Na Abraham ba bɛsuu Sara abia; ɔsuu no.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nnwan no ho yɛ anaa; na sane bɛka kyerɛ me. Na ɔsomaa no firii Hebron bonhwa mu, na ɔkɔduruu Sekem.


Na nna a Dawid dii Yuda fie so hene Hebron no ano si mfirinhyia nson ne abosome nsia.


Na Yudahene Hesekia soma maa wɔkɔɔ Asiriahene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: Mayɛ bɔne; sane firi me so, na deɛ wode bɛto me soɔ no, mɛsoa. Na Asiriahene hyɛɛ sɛ Yudahene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛseɛ ahasa ne sika dwetikɛseɛ aduasa.


Ɛnna Asiriahene somaa ne sahene anaa Tartan, ne piafoɔ panin anaa Rabsaris, ne nsahyɛfoɔ panin anaa Rabsake no firi Lakis ne dɔm a emu yɛ duro baa Ɔhene Hesekia so wɔ Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem. Na wɔforo baeɛ no, wɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ Ntomasifoɔ Asasewa no tempɔn ho no suka ho.


Saa berɛ no, na Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkuro a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na na ɛnonom ne nkuro a ɛyɛ den a aka, Yuda nkuro mu.


Lakisfoɔ, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefoɔ; ɛyɛɛ Sion babaa bɔne mfitiaseɛ, sɛ wo mu na wɔhunuu Israel mmaratodeɛ no.


Na wɔforo faa nifa fam, na wɔduruu Hebron deɛ Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron deɛ, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim.)


Na Yerusalem hene Adoni-sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasapasa, ne sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no, saa ara na wayɛ Ai ne ne hene nso,


Na wɔyɛɛ saa, na wɔyiyii ahemfo baanum no firii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene.


Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Lakis kɔɔ Eglon, na wɔkyeree so nsraban, na wɔne wɔn koe.


Na Amorifoɔ ahemfo baanum boaboaa wɔn ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛkyeree Gibeon so nsraban sɛ wɔne wɔn rebɛko.


Nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba. Arba yi ne Anakfoɔ mu nipa kɛseɛ koraa. Na asase no so dwo firii akodie mu.


ne Humta ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron), ne Sior: Nkuro nkron ne ɛho nkuraa.


Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Yudafoɔ no antumi antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Yudafoɔ no tenaa Yerusalem de bɛduru nnɛ yi.


ne Sela, Ha-elef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkuro dunan ne ɛho nkuraa. Yei ne Benyaminfoɔ no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan