Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 10:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na owia twɛnee, na ɔsrane gyinae de kɔsii sɛ ɛdɔm no tɔɔ wɔn atamfoɔ so were. Wɔntwerɛɛ yei Teefoɔ Nwoma no mu? Na owia gyinaa ɔsoro mfimfini, na ampɛ ntɛm ankɔtɔ bɛyɛ da mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na owia twɛnee, na ɔsrane gyinae de kɔsii sɛ ɛdɔm no tɔɔ wɔn atamfoɔ so were. Wɔntwerɛɛ yei Teefoɔ Nwoma no mu? Na owia gyinaa ɔsoro mfimfini, na ampɛ ntɛm ankɔtɔ bɛyɛ da mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na owia ne ɔsram gyinaa dinn, kosii sɛ Israelfo dii atamfo no so. Wɔnkyerɛw saa nsɛm yi wɔ Teefo Nhoma no mu ana? Owia gyinae wɔ wim mfimfini na ankɔtɔ sɛnea ɛyɛ daa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na owia ne ɔsrane gyinaa dinn, kɔsii sɛ Israelfoɔ dii atamfoɔ no so. Wɔntwerɛɛ saa nsɛm yi wɔ Teefoɔ Nwoma no mu anaa? Owia gyinaeɛ wɔ ewiem mfimfini na ankɔtɔ sɛdeɛ ɛyɛ daa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na owia twɛnee, na ɔsram gyinae de kosii sɛ ɛdɔm no tɔɔ wɔn atamfo so were. So wɔnkyerɛw eyi wɔ Yasser Nhoma no mu? Na owia gyinae ɔsoro fa, na ampɛ ntɛm ankɔtɔ bɛyɛ da mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 10:13
29 Iomraidhean Croise  

na ɔkaa sɛ wɔmfa agyan dwom yi nkyerɛ Yuda mma. Hwɛ, wɔatwerɛ no Yasar Nwoma no mu.


Na Hesekia se: Ɛyɛ mmerɛ ma sunsum sɛ ɛsiane ntwedeɛ du, dabi, na ma sunsum no nsane n’akyi ntwedeɛ du.


Atwerɛ no nsususoɔ a wɔde kɔhyɛɛ mmara nsase no nyinaa soɔ no ano da hɔ ma amanaman no nyinaa, sɛ Yudafoɔ no nsiesie wɔn ho nsie da no, na wɔntɔ wɔn atamfoɔ so were.


Ɔhyɛ owia, na ɛmpue; na ɔsosɔ nsoromma ano.


Owia ne ɔsrane, monyi no ayɛ, nsoromma a ɛhran nyinaa, monyi no ayɛ.


Ɔsoro susuhoma duru asase nyinaa so, na ne nsɛm duru wiase ano; wasi ntomadan ama owia ɔsoro hɔ.


Na ɔsrane ani bɛwu, na owia anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.


Hwɛ, merebɛsane owia dɔn so sunsum a owia ma no sianee Ahas owia dɔn soɔ no mama no akɔ akyire nkyekyɛmu du. Na owia sanee n’akyi owia dɔn no so nkyekyɛm du a asiane dada no.


Asase woso wɔn anim, ɔsoro hinhim, owia ne ɔsrane aduru sum, na nsoromma kame ne haran.


Owia bɛduru sum, na ɔsrane adane mogya, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


Owia ne ɔsrane aduru sum, na nsoromma agyae haran.


owia ne ɔsrane gyinagyinaa efie, w’agyan a ɛnenam no hann nti, wo pea anyinam pa hyerɛn no nti.


Enti wɔka no AWURADE akodie nwoma no mu sɛ: Wɔnam ahumtuo so ko faa Waheb ne Arnon nsubɔnhwa no,


Tɔ Midianfoɔ so were ma Israelfoɔ, na ɛno akyiri no woati wo mpanimfoɔ wɔ asamando.


Na nna no mu ahohiahia akyiri no, ntɛm ara owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na nsoromma bɛtutu firi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awoso.


na moayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma; ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔtɔ nsuo gu wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene so.


Na Onyankopɔn, sɛ ɔto ne bo ase kyɛre wɔn ho nso a, ɔremmu atɛn nnye wɔn a wayi wɔn a wɔsu frɛ no awia ne anadwo no anaa?


Owia bɛdane sum, na ɔsrane adane mogya ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛhyerɛn no aba.


Na wɔredwane afiri Israel anim na wɔkɔduruu Bet-horon asianee mu no, AWURADE totoo aboɔ akɛseɛ firi soro guguu wɔn so de kɔduruu Aseka maa wɔwuwui, wɔn a asukɔtweaa no kunkumm wɔn no dɔɔso sene wɔn a Israelfoɔ no kunkumm wɔn nkrantɛ ano no.


Na ɛda bi mmae sɛ ɛno, anim anaa akyire a AWURADE atie onipa nne, ɛfiri sɛ AWURADE ko maa Israel.


Na ɛnhia sɛ owia anaa ɔsrane bɛpae wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Nyankopɔn animuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Adwammaa no.


Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade Tumfoɔ, Ɔkronkronni ne Ɔnokwafoɔ, ɛnkɔsi da bɛn na woremmu atɛn, na worentɔ wɔn a wɔte asase soɔ no yɛn mogya so were?


Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano no, mehunuu asasewosoɔ kɛseɛ, na owia yɛɛ tumm sɛ ayitoma, na ɔsrane danee sɛ mogya.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako no duduruu sum, na adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.


Na Samson frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE Nyankopɔn, afei kae me, na hyɛ me den prɛko pɛ yi nko ara, Onyankopɔn, na mentɔ m’ani mmienu yi so were prɛko Filistifoɔ so.


Sɛ Israel mu atitire dii wɔn anim, na ɔman no nso yii wɔn yam baeɛ nti, monhyira AWURADE.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan