Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 10:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛno mu na Yosua kasa kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE de Amorifoɔ maa Israel anim no, na ɔkaa no Israel anim sɛ: Owia, twɛn wɔ Gibeon, ne ɔsrane, wɔ Ayalon bonhwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɛno mu na Yosua kasa kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE de Amorifoɔ maa Israel anim no, na ɔkaa no Israel anim sɛ: Owia, twɛn wɔ Gibeon, ne ɔsrane, wɔ Ayalon bonhwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Da a Awurade de Amorifo no hyɛɛ Israelfo no nsa no, Yosua bɔɔ Awurade mpae wɔ Israelfo no anim se, “Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon so na ɔsram nso nnyina wɔ Ayalon bon mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛda a Awurade de Amorifoɔ no hyɛɛ Israelfoɔ no nsa no, Yosua bɔɔ Awurade mpaeɛ wɔ Israelfoɔ no anim sɛ, “Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon so na ɔsrane nso ntae wɔ Ayalon bɔnhwa mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛno mu na Yosua kasa kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE de Amorifo mae Israel anim no, na ɔkae Israel anim sɛ: Owia, twɛn wɔ Gibeon, ne ɔsram, wɔ Ayalon bon mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 10:12
29 Iomraidhean Croise  

Na Ner ba Abner ne Saulo ba Isboset nkoa tu firii Mahanaim baa Gibeon.


Na Hesekia se: Ɛyɛ mmerɛ ma sunsum sɛ ɛsiane ntwedeɛ du, dabi, na ma sunsum no nsane n’akyi ntwedeɛ du.


Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia frɛɛ AWURADE, na ɔmaa sunsum no sane n’akyi ntwedeɛ du, Ahas owia dɔn so ntwedeɛ a asiane dada no so.


Na Yesaia se: Yei nyɛ wo AWURADE nsam nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE bɛyɛ adeɛ a waka no: Sunsum no nkɔ anim ntwedeɛ du anaasɛ ɛnsane n’akyi ntwedeɛ du?


Beria ne Sema, (wɔn ne Ayalonfoɔ agyanom atitire, wɔn na wɔpamm Gatfoɔ).


Sora, Ayalon ne Hebron a ɛyɛ Yuda ne Benyamin mu nkuro a ɛyɛ den no.


Ɔhyɛ owia, na ɛmpue; na ɔsosɔ nsoromma ano.


Owia ne ɔsrane, monyi no ayɛ, nsoromma a ɛhran nyinaa, monyi no ayɛ.


Ɔsoro susuhoma duru asase nyinaa so, na ne nsɛm duru wiase ano; wasi ntomadan ama owia ɔsoro hɔ.


Adekyeeɛ yɛ wo deɛ, anadwo nso wɔ wo, wo na woasiesie akanea ne owia.


Na AWURADE bɛsɔre sɛdeɛ ɔyɛɛ no Perasim bepɔ soɔ no, na ne bo ahuru sɛdeɛ ɛyɛe wɔ Gibeon bonhwa mu no, na wayɛ n’adeɛ bi a ɛyɛ anwanwadeɛ, na wayɛ n’adwuma bi a ɛyɛ anwanwa dwuma no.


Hwɛ, merebɛsane owia dɔn so sunsum a owia ma no sianee Ahas owia dɔn soɔ no mama no akɔ akyire nkyekyɛmu du. Na owia sanee n’akyi owia dɔn no so nkyekyɛm du a asiane dada no.


Wo wia rentɔ bio, na wo srane nso renwu, na AWURADE bɛyɛ wo daa hann, na w’abooboodie nna awie sa.


Na afe no ara mu, Yudahene Sedekia ahennie mfitiaseɛ afe a ɛtɔ so nnan no bosome a ɛtɔ so nnum so, Asur ba Odiyifoɔ Hanania a ɔfiri Gibeon no ka kyerɛɛ me wɔ AWURADE fie, asɔfoɔ ne ɔman no nyinaa anim sɛ:


Nanso mesɛee wɔn anim Amorini a ne kɛseɛ te sɛ ntweneduro kɛseɛ na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no, na mesɛee n’aba wɔ soro ne n’ase nhini no.


Na ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mɛma owia atɔ awiaberɛ, na mɛma sum aduru asase so awia ketee.


Na AWURADE deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu; na momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.


owia ne ɔsrane gyinagyinaa efie, w’agyan a ɛnenam no hann nti, wo pea anyinam pa hyerɛn no nti.


Ma akra nyinaa nyɛ komm, AWURADE anim, ɛfiri sɛ wasɔre wɔ ne tenabea kronkron hɔ.


na ɔkɔ kɔsom anyame foforɔ bi te sɛ owia anaa ɔsrane anaa ɔsoro asafo a mabara no mu biara,


Na woamma w’ani so ankyerɛ soro anhwɛ owia ne ɔsrane ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nnoɔma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no.


Na owia twɛnee, na ɔsrane gyinae de kɔsii sɛ ɛdɔm no tɔɔ wɔn atamfoɔ so were. Wɔntwerɛɛ yei Teefoɔ Nwoma no mu? Na owia gyinaa ɔsoro mfimfini, na ampɛ ntɛm ankɔtɔ bɛyɛ da mu.


Saalabin, Ayalon, Yitla,


Ayalon ne ɛho asase ne Gat-rimon ne ɛho asase: Nkuro nnan;


Na Sebulonni Elon wui, na wɔsiee no Ayalon, Sebulon asase so.


Wɔfiri soro bɛdii ako, nsoromma firii wɔn akwan so ne Sisera koe.


Ɛnna Samuel frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa aprannaa ne osuo baa da no. Na ɔman no nyinaa suroo AWURADE ne Samuel sɛ.


Na wɔkum Filistifoɔ no da no firi Mikmas kɔduruu Ayalon; na ɛdɔm no tɔɔ piti sɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan