Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 10:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na AWURADE tanee wɔn ani Israel anim, na wɔde okunkɛseɛ kunkumm wɔn wɔ Gibeon, na wɔtii wɔn Bet-horon aforoeɛ kwan no so, na wɔkunkumm wɔn de kɔsii Aseka ne Makeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na AWURADE tanee wɔn ani Israel anim, na wɔde okunkɛseɛ kunkumm wɔn wɔ Gibeon, na wɔtii wɔn Bet-horon aforoeɛ kwan no so, na wɔkunkumm wɔn de kɔsii Aseka ne Makeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Awurade ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfo no anim, na wokunkum wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfo no taa atamfo no faa ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔtow hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn wɔ Aseka ne Makeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Awurade ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfoɔ no anim, na wɔkunkumm wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfoɔ no taa atamfoɔ no faa ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔto hyɛɛ wɔn so kunkumm wɔn wɔ Aseka ne Makeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na AWURADE kaa wɔn gui Israel anim, na wɔde okunkɛse kunkum wɔn wɔ Gibeon, na wotiw wɔn Bet-horon aforoee kwan no so, na wonkunkum wɔn de kosii Aseka ne Makeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 10:10
29 Iomraidhean Croise  

Na ɔtotoo agyan de bɔɔ wɔn petee, aprannaa na ɔde tuu wɔn ase.


Na Salomo kyekyeree Geser) ne Bet-horon a ɛwɔ anafoɔ


Ɛnna AWURADE kaa Etiopiafoɔ no guiɛ Asa ne Yuda anim, na Etiopiafoɔ no dwanee.


Na asafo a Amasia maa wɔsanee sɛ wɔne no nnkɔ ɔsa no mma kɔguu Yuda nkuro so, firi Samaria kɔduruu Bet-horon, na wɔkunkumm wɔn mu nnipa mpensa, na wɔfom adeɛ bebree fae.


Na ɔtotoo n’agyan de bɔɔ wɔn hwetee ne asraman bebree de tanee wɔn ani.


Na ɛnyɛ wɔn ara afena na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na ɛgyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, ɛfiri sɛ wopɛ wɔn.


Otumfoɔ bɔ ahemfo gu asase no so a, ɛhoa sɛ nsukyerɛmma Salmon so.


Ɔpampamm amanaman, wɔn anim, na ɔtwee wɔn awunnyadeɛ so ntonto kyɛɛ no homa so, na ɔmaa Israel mmusuakuo tenatenaa wɔn ntomadan mu.


Na AWURADE bɛsɔre sɛdeɛ ɔyɛɛ no Perasim bepɔ soɔ no, na ne bo ahuru sɛdeɛ ɛyɛe wɔ Gibeon bonhwa mu no, na wayɛ n’adeɛ bi a ɛyɛ anwanwadeɛ, na wayɛ n’adwuma bi a ɛyɛ anwanwa dwuma no.


Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahunu ne nsa a ɛresiane, abufuo ahomeguo ne adeɛhyeɛ gyaframa, osuo babababa ne osuo yɔɔ ne asukɔtweaa mu.


Saa berɛ no, na Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkuro a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na na ɛnonom ne nkuro a ɛyɛ den a aka, Yuda nkuro mu.


Na AWURADE bɛfiri adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne ko da no.


Na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa, na ɔbɛma ahodwirie kɛseɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsɛeɛ.


Na wɔredwane afiri Israel anim na wɔkɔduruu Bet-horon asianee mu no, AWURADE totoo aboɔ akɛseɛ firi soro guguu wɔn so de kɔduruu Aseka maa wɔwuwui, wɔn a asukɔtweaa no kunkumm wɔn no dɔɔso sene wɔn a Israelfoɔ no kunkumm wɔn nkrantɛ ano no.


Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.


Na Yosua baa wɔn so mpofirim, ɔde anadwo mu no nyinaa na ɛforo firii Gilgal baeɛ.


Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wɔkunkumm wɔn na wɔtaa wɔn de kɔduruu Sidon kɛseɛ ne Misrefot-maim ho ne Mispa bonhwa no mu apueeɛ fam, na wɔkunkum wɔn de kɔsii sɛ wɔannya wɔn odwanefoɔ biara.


Makedahene, Betelhene,


Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka,


ne Gederot, Bet-dagon ne Naama ne Makeda: Nkuro dunsia ne ɛho nkuraa.


na ɛsiane kɔ atɔeɛ, Yafletifoɔ hyeɛ ho de kɔsi anafoɔ Bet-horon hyeɛ so, na ɛde kɔ Geser, na ɛkɔpem mpoano.


Na Efraimfoɔ no hyeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Wɔn agyapadeɛ hyeɛ ne Atarot-adar apueeɛ de kɔsi atifi wɔ Bet-horon;


ne Kibsaim ne ɛho asase ne Bet-horon ne ɛho asase: Nkuro nnan;


Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrantɛ ano wɔ Barak anim, na Sisera firii ne nteaseɛnam mu sii fam dwanee ne nan mu.


Na Barak tii nteaseɛnam no ne dɔm no kɔduruu Haroset-ha-goyim, na Sisera dɔm nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano, anka baako mpo.


Wɔfiri soro bɛdii ako, nsoromma firii wɔn akwan so ne Sisera koe.


na asafokuo baako te faa Bet-horon kwan so, na asafokuo baako nso te faa ɛhyeɛ a ɛkyerɛ Seboim bonhwa no kwan so kɔɔ ɛserɛ so fam.


Na Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebɛdi ako, na wɔbɛboaa wɔn ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛkyeree nsraban Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan