Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 1:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfi ho, na wubedi nkonim biribiara a woyɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfiri ho, na wobɛdi nkonim wɔ biribiara a woyɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa ara, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfi ho nkɔ nifa anaa benkum, na nea wobɛkɔ nyinaa woadi yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 1:7
25 Iomraidhean Croise  

Me deɛ, mereti nananom wɔ asamando: Enti yɛ den na yɛ ɔbarima;


na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛ wobɛnante n’akwan so, sɛ wobɛdi n’ahyɛdeɛ, ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’adansesɛm soɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu no, na woadi yie deɛ woyɛ nyinaa mu, baabiara a wobɛkorɔ.


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na ɔnantee n’agya Dawid kwan nyinaa mu, na wammane ankɔ nifa anaa benkum.


Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wobɛdi ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnneɛ wobɛyɛ prɔmprɔm. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro anaasɛ mma w’akoma nntu.


Na mo deɛ, monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngo, na wɔbɛtua mo adwuma so ka.


Na ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nna a Sakaria a ɔyɛ Nyankopɔn adehunu mu nhunumufoɔ no wɔ hɔ no nyinaa, na nna nso a ɔhwehwɛɛ AWURADE no, Onyankopɔn maa no dii yie.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no soɔ, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.


AWURADE, asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Mmane nifa anaa benkum, twe wo nan firi bɔne mu.


Tenenee tempɔn mu na menam, atemmuo akwan so pɛ,


na ɔse: Nsuro, ɔdɔfo, asomdwoeɛ nka wo, yɛ den! Yɛ den! Na ɔne me kasaeɛ no, mehyɛɛ me ho den, na mese: Ma me wura nkasa, ɛfiri sɛ woahyɛ me den.


na ɔde ne nsa guu ne so na ɔhyɛɛ no mmara, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so kaeɛ no.


Enti monni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so, na mo ho ayɛ den, na moakɔ akɔfa asase a moretwam akɔ so akɔfa no,


Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi bi nso mfiri mu.


Ne saa nti, mmane mfiri nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi mu biara ho nkɔ nifa anaa benkum nkɔdi anyame foforɔ akyi nkɔsom wɔn.


na yɛfaa wɔn asase de maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ abusuakuo fa sɛ wɔnni so.


Enti monhwɛ apam yi mu nsɛm nni so, na deɛ moyɛ nyinaa awie mo yie.


Na Mose frɛɛ Yosua, na ɔka kyerɛɛ no Israel nyinaa anim sɛ: Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a AWURADE kaa wɔn nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no soɔ, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.


Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso monnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so.


Enti monhwɛ na monyɛ sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommmane nifa anaa benkum;


Na AWURADE akoa Mose wuo akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfoɔ no sɛ:


Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anomu, na dwene ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ no wɔ mu nyinaa teɛ no: Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ɛbɛsi wo yie.


Menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma w’akoma nntu anaa? Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi deɛ wokorɔ nyinaa.


Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛeɛ; wanyi asɛm bi amfiri deɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu.


Enti monhyɛ mo ho den pa ara, na monhwɛ nyɛ deɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma mu no nyinaa, na moammane amfiri ho ankɔ nifa anaa benkum,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan