Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 1:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 mo yerenom, mo mma ne mo mmoakuo ntena asase a Mose de maa mo Yordan agya yi so, na mo deɛ, monni mo nuanom anim amia mu, akofoɔ nyinaa, na monni mmoa wɔn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 mo yerenom, mo mma ne mo mmoakuo ntena asase a Mose de maa mo Yordan agya yi so, na mo deɛ, monni mo nuanom anim amia mu, akofoɔ nyinaa, na monni mmoa wɔn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Mo yerenom, mo mma ne mo anantwi bɛtena Yordan apuei fam ha. Nanso, mo akofo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bedi mmusuakuw a aka no anim atwa Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena hɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Mo yerenom, mo mma ne mo anantwie bɛtena Yordan apueeɛ fam ha. Nanso, mo akofoɔ a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bɛdi mmusuakuo a aka no anim atware Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena hɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 mo yerenom, mo mma ne mo mmoakuw ntena asase a Mose de maa mo Yordan agya yi so, na mo de, munni mo nuanom anim amia mu, akofofo nyinaa, na munni mmoa wɔn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 1:14
9 Iomraidhean Croise  

Enti Onyankopɔn de ɔman no konton faa ɛserɛ so kwan a ɛda Mmɛwa Po ho no so. Na Israelfoɔ no kaa ntoa firii Misraim asase so kɔe.


Yɛn mma ne yɛn yerenom ne yɛn nnwan ne yɛn anantwie nyinaa ntena Gilead nkuro mu hɔ;


Na ahwɛfoɔ no nkɔ so nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a ɔsuro na n’akoma tuo no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wamma ne nuanom akoma annane sɛ ne deɛ.


mo yerenom ne mo mma ne mo mmoa deɛ, menim sɛ mowɔ mmoa pii, wɔntena mo nkuro a mede mama mo no mu;


ɔno na ɔyii deɛ ɛdi kan faeɛ, na ɛhɔ na wɔakora mmarahyɛfoɔ no kyɛfa; na ɔnam di ɔman no atitire mu, ɔyɛ AWURADE teneneedeɛ ne n’atemmudeɛ wɔ Israel.


Monkae asɛm a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de mo atena ase, na ɔde asase yi ama mo;


nkɔsi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wɔbɛdi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasane aba mo sodie asase no so abɛdi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapueeɛ hɔ no.


Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuo fa no miae twa kɔdii Israelfoɔ no anim, sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no,


Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne nkrawoɔ, na ɔde sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho, na ɔkura sika kuruwa a akyiwadeɛ ne n’adwamammɔ fi ayɛ no ma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan