Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yona 4:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Yona firii adi firii kuro no mu, na ɔkɔtenaa kuro no apueeɛ, na ɔbɔɔ sese hɔ, na ɔtenaa aseɛ enwunu no mu sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛhunu adekodeɛ a ɛbɛyɛ kuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Yona firii adi firii kuro no mu, na ɔkɔtenaa kuro no apueeɛ, na ɔbɔɔ sese hɔ, na ɔtenaa aseɛ enwunu no mu sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛhunu adekodeɛ a ɛbɛyɛ kuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na Yona kɔɔ kuropɔn no apuei fam baabi kɔtenaa hɔ. Ɔbɔɔ pata tenaa ne nwini no mu, twɛn nea ɛbɛba kuropɔn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na Yona kɔɔ kuropɔn no apueeɛ fam baabi kɔtenaa hɔ. Ɔbɔɔ apata tenaa ne nwunu no mu, twenee deɛ ɛbɛba kuropɔn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Yona fii adi fii kurow no mu, na ɔkɔtenaa kurow no apuei, na ɔbɔɔ ɔsese hɔ fae, na ɔtenaa ase onwini no mu sɛ enkosi sɛ obehu dekode a ɛbɛyɛ kurow no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yona 4:5
10 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa sɛ Elia teeɛ no, ɔde ne ngusoɔ kataa n’anim, na ɔfiri kɔgyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


Na ɔduruu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ hɔ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


N’anibereɛ a ɛyɛ amumuyɛ nti na me bo fuiɛ na mehwee no, mehuntae, na me bo fui; nanso ɔkɔɔ so sanee n’akyi faa n’akoma kwan so.


Na sɛ mese: Merenkae no na meremmɔ ne din menkasa bio, a, na ɛyɛ m’akoma mu sɛ ogya a ɛredɛre a wɔato mu me nnompe mu; mesɔ mu a mebrɛ ho, na mentumi.


Na ɛhyɛn no mufoɔ no suroe, na wɔteateaa mu frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotoo ɛhyɛn no mu adwadeɛ guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso Yona deɛ, na wasiane kɔ ɛhyɛn no yam akɔda hatee.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ sɛ wo bo fu anaa?


Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkruma, na ɛfefɛ kataa Yona so maa n’atifi nyaa enwunu, sɛ ɛnyi no mfiri n’ahohiahia no mu. Na Yona ani gyee adedenkruma no ho kɛseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan