Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yona 3:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na nnipa ne afieboa mfirafira ayitoma, na wɔnsu dendeenden mfrɛ Onyankopɔn, na wɔnsane mfiri wɔn kwammɔne so ne amim adeɛ a ɛwowɔ wɔn nsam no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na nnipa ne afieboa mfirafira ayitoma, na wɔnsu dendeenden mfrɛ Onyankopɔn, na wɔnsane mfiri wɔn kwammɔne so ne amim adeɛ a ɛwowɔ wɔn nsam no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na mmom nnipa ne mmoa mfa atweaatam nkata wɔn ho. Obiara mfa anibere nsu mfrɛ Onyankopɔn. Womfi wɔn akwammɔne so, na wonnyae basabasayɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na mmom nnipa ne mmoa mfa ayitoma nkata wɔn ho. Obiara mfa anibereɛ nsu mfrɛ Onyankopɔn. Wɔn mfiri wɔn akwammɔne so, na wɔnnyae basabasayɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na nnipa ne afieboa mfurafura ayitama, na wonsu dennennen mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan mfi ne kwammɔne so ne amim ade a ɛwowɔ wɔn nsam no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yona 3:8
23 Iomraidhean Croise  

Nanso amim biara nni me nsam, na me mpaebɔ ho te.


na ɔbue wɔn aso ma atenetene, na ɔka sɛ wɔnsane mfiri abusudeɛ ho.


Ɛnyɛ yei ne abuadadie a mepɛ? Sɛ mobɛsanesane abɔnefoɔ apɔ, ahotiri kɔnnua nhoma, ama wɔn a wɔhom wɔn soɔ no afa wɔn ho akɔdie, na moabubu kɔnnua nyinaa?


Wɔn ntentan no renyɛ atadeɛ, na nnipa remfa deɛ wɔyɛ no nkata wɔn ho; Wɔn nnwuma yɛ abusudwuma, na akakabensɛm wɔ wɔn nsam.


Na afei ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meredwene mo ho bɔne, na mapam mo ho apam. Mo nyinaa monsane mo akyi mfiri mo kwammɔne so, na momma mo akwan ne mo nneyɛɛ nyɛ yie ɛ!


Wɔse: Monsane mfiri mo akwammɔne so ne mo nneyɛɛ bɔne mu, na moatena asase a AWURADE de ama mo ne mo agyanom no so afiri daapem akɔsi daapem.


ebia wɔbɛtie, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na manu me ho, bɔne a ɛwɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛɛ bɔne nti mɛyɛ wɔn no ho.


Ebia Yuda fie bɛtie bɔne a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ wɔn no nyinaa, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne makyɛ wɔn.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?


Enti, ɔhene, ma m’afotuo nyɛ wo fɛ, na fa tenenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafoɔ ayɛyɛ sesa w’amumuyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiedie akyɛ.


Monyɛ abuadadie kronkron, mompae asɔfoɔ nhyiamu, mommoa mpanimfoɔ ano, asase sofoɔ nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fie, na monsu mfrɛ AWURADE.


Ɛnna wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: O AWURADE, onipa yi kra nti mma yɛntotɔ, na mfa mogya a yɛdi ho bem ngu yɛn so, na wo, AWURADE, na woyɛ sɛdeɛ wopɛ.


Ɛnna ɛhyɛn mu panin no kɔɔ Yona nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ: Worepɛ akyerɛ sɛn nti a wada hatee saa yi? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia ɔbɛdwene yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha.


Ɛnneɛ monso aba a ɛkyerɛ adwensakyera.


na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kane, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakyera wɔn adwene, na wɔnnane mmra Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakyera.


Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,


Na mɛma m’adansefoɔ baanu afirafira ayitoma abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan