Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yona 3:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnna Ninewefoɔ no gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔpaee mmuadadie, na wɔfirafiraa ayitoma firi wɔn mu nnipa akɛseɛ so kɔsii wɔn mu akumaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Ɛnna Ninewefoɔ no gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔpaee mmuadadie, na wɔfirafiraa ayitoma firi wɔn mu nnipa akɛseɛ so kɔsii wɔn mu akumaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ninewefo gyee Nyankopɔn dii. Wɔhyɛɛ sɛ wɔn nyinaa bedi mmuada, efi ɔkɛse so kosi aketewa so, na wɔafurafura atweaatam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ninewefoɔ gyee Onyankopɔn diiɛ. Wɔhyɛɛ sɛ wɔn nyinaa bɛdi abuada, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi ɔketewa so, na wɔafirafira ayitoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnna Niniwefo no gyee Onyankopɔn dii, na wɔpaee mmuadadi, na wofurafuraa ayitama fi wɔn mu nnipa akɛse so kosii wɔn mu akumaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yona 3:5
21 Iomraidhean Croise  

Na Ɔhene Hesekia teeɛ no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu na ɔfiraa ayitoma na ɔsii mu kɔɔ AWURADE fie.


Na Yehosafat suroe, na ɔyeree ne ho hwehwɛɛ AWURADE, na ɔpaee abuadadie Yuda nyinaa mu.


Ɛnna mepaee mmuadadie wɔ Ahawa asuo no soɔ, sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim ahwehwɛ ne hɔ ɔkwan tenenee ama yɛn ne yɛn mma nkumaa ne yɛn nnoɔma nyinaa,


Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.


Ɛnna Israelfoɔ no yiyii wɔn ho ahokekadeɛ firi bepɔ Horeb ho hɔ ara.


Na obiara renkyere ne yɔnko na obiara nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hunu AWURADE, na wɔn nyinaa bɛhu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ so, AWURADE asɛm nie; na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.


Na Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnum, bosome a ɛtɔ so nkron no, Yerusalem mu nkurɔfoɔ nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔfiri Yuda nkuro mu baa Yerusalem no paee AWURADE anim mmuadadie.


Na dɔm asafohene no nyinaa ne Karea ba Yohanan ne Hosaia ba Yesania ne ɔmanfoɔ no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ, twe pinii


Na ɔfrɛɛ Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa ne ɔman no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so bae,


Na mede m’ani too Awurade Nyankopɔn so, sɛ mede mmuada, ayitoma, nso ne nkotosrɛ bɛbɔ mpaeɛ.


Monyɛ abuadadie kronkron, mompae asɔfoɔ nhyiamu, mommoa mpanimfoɔ ano, asase sofoɔ nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fie, na monsu mfrɛ AWURADE.


na ɔmaa wɔpaee mu kaa no Ninewe, ɔhene ne n’atitire asɛm so, kaa sɛ: Nnipa ne afieboa, anantwie ne nnwan mmfa hwee nnka wɔn ano, wɔmmma wɔnnkɔdidi, na wɔnnnom nsuo nso.


Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ wɔsakyeraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.


Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ; ɛfiri sɛ Yona asɛnka no nti, wɔsakyeraa wɔn adwene. Na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha yi.


Enti, mmarima, momma mo bo ntɔ mo yam, na megye Onyankopɔn medi sɛ ɛbɛyɛ hɔ sɛdeɛ wɔaka akyerɛ me no;


Ɔno na wɔn nyinaa, ɛfiri nketewa soɔ kɔsi akɛseɛ soɔ tie no ka sɛ: Oyi ne Nyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Kɛseɛ no.


Na afei gyidie ne adeɛ a yɛn ani da soɔ ho ahotosoɔ ne nnoɔma a yɛnhunu ho adansegyeɛ.


Gyidie na deɛ wɔnnya nhunuu ɛho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fie nkwagyeɛ, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidie ho tenenee ɔdedifoɔ.


Na mɛma m’adansefoɔ baanu afirafira ayitoma abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan