Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yona 3:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Yona firii aseɛ hyɛnee kuro no mu nantee da koro, na ɔpaee sɛ: Aka adaduanan na Ninewe abutu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Yona firii aseɛ hyɛnee kuro no mu nantee da koro, na ɔpaee sɛ: Aka adaduanan na Ninewe abutu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Da a edi kan no, Yona hyɛn kuropɔn no mu, na ofii ase pae mu kae se, “Aka adaduanan na wɔadan Ninewe abutuw.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛda a ɛdi ɛkan no, Yona hyɛnee kuropɔn no mu, na ɔhyɛɛ aseɛ paee mu kaa sɛ, “Aka adaduanan na wɔadane Ninewe abutu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Yona fii ase hyɛn kurow no mu nantewee da koro, na ɔpaee mu sɛ: Aka adaduanan na Niniwe abutuw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yona 3:4
10 Iomraidhean Croise  

Nna no mu no Hesekia yaree owuyadeɛ. Na Amos ba, Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu na worennya nkwa.


Na mede mfirinhyia dunum bɛto wo nna so, na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiriahene nsam, na mabɔ kuro yi ho ban, me ara ne m’akoa Dawid nti.


Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho soɔ, ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmuo Nyankopɔn ne AWURADE, nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.


Sɛ mobɛtena asase yi so a, ɛnneɛ mɛpagya mo asi hɔ, na merennwiri, na mɛdua mo, na merentutu mo, ɛfiri sɛ manu me ho, mmusuo a mede aba mo soɔ no nti.


Na Onyankopɔn hunuu wɔn nneyɛɛ, sɛ wɔasane afiri wɔn akwammɔne no soɔ, na ɔsesaa n’adwene wɔ bɔne a ɔkaa sɛ ɔde bɛyɛ wɔn no ho, na wanyɛ.


Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ wɔsakyeraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.


Na sɛdeɛ Yona yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ maa Ninewefoɔ no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛyɛ ama nnɛ mma yi.


Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ; ɛfiri sɛ Yona asɛnka no nti, wɔsakyeraa wɔn adwene. Na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha yi.


Sɛ odiyifoɔ bi kasa wɔ AWURADE din mu, na asɛm korɔ no amma mu anaa ɛnyɛ nokorɛ a, na asɛm no mfiri AWURADE; ahantan mu na odiyifoɔ no kasaeɛ, nsuro no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan