Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yona 2:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na me deɛ, mede aseda nne bɛbɔ wo afɔdeɛ, deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛtua; ɛfiri sɛ, nkwagyeɛ wɔ AWURADE!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na me deɛ, mede aseda nne bɛbɔ wo afɔdeɛ, deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛtua; ɛfiri sɛ, nkwagyeɛ wɔ AWURADE!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso me, mede ayeyi nnwom bɛbɔ afɔre ama wo. Nea mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ. Nkwagye fi Awurade.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso me, mede ayɛyie nnwom bɛbɔ afɔdeɛ ama wo. Deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ. Nkwagyeɛ firi Awurade.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na me de, mede aseda nne mɛbɔ wo afɔre, nea mahyɛ ho bɔ no, metua; efisɛ nkwagye fi wo AWURADE hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yona 2:9
24 Iomraidhean Croise  

Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na menkɔsi afɔrebukyia wɔ hɔ memma Onyankopɔn a m’ahohiahia da ɔtiee me na ɔdii m’akyi wɔ kwan a mekɔeɛ no mu no.


Na mfirinhyia nnan twaa mu no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ wo, ma menkɔ menkɔma m’aboadeɛ a mede mehyɛɛ AWURADE bɔ wɔ Hebron.


Wobɛsrɛ no, na watie wo, na w’aboadeɛ ka no, woatua.


na wɔmmɔ aseda afɔdeɛ, na wɔmfa ahurisie dwom nka ne nneyɛɛ.


AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ, hwan na mensuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hwan anim na me ho mpopoɔ?


Na AWURADE na nkwagyeɛ wɔ no; wo man so na ma wo nhyira mmra.


Bɔ aseda afɔdeɛ ma Onyankopɔn, na tua w’aboadeɛ ma deɛ ɔwɔ ɔsorosoro no;


Deɛ ɔde aseda bɔ afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam, na deɛ n’akwan teeɛ no, mɛkyerɛ no Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Ɔno Onyankopɔn no ne yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, na AWURADE na owuo mu fire wɔ no.


Momma yɛmfa aseda mmra n’anim, na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no.


AWURADE de daa daa nkwagyeɛ gye Israel; mo ani renwu, na mo anim rengu ase bio da biara da.


na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE yɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ.


Momfa nsɛm nkura nsane mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumuyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini mmɛbɔ afɔdeɛ.


Mosɔre deɛ monnim; yɛn deɛ, yɛsɔre deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ no firi Yudafoɔ mu.


Na nkwagyeɛ nni obiara mu, na nso din foforɔ nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa wɔ mu.


Enti, anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so metu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɛte aseɛ, a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Nyankopɔn ani, a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.


Mfa ɔbaa odwamamfoɔ apɛdeɛ anaa ɔkraman (ɔbarima odwamamfoɔ) apaadeɛ mma AWURADE wo Nyankopɔn fie wɔ wo bɔhyɛ biara mu, na ne mmienu no yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.


Enti momma yɛmfa ne so mmɔ Nyankopɔn ayeyie afɔdeɛ daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.


Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Nkwagyeɛ no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ ne adwammaa no dea.


Na mommmane nnkɔdi ade hunu a mfasoɔ ne ɛgyeɛ nni ho no akyi, na ɛyɛ ade hunu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan