Yona 2:6 - New Revised Asante Twi Bible6 Mesiane mekɔɔ mmepɔ nhini ho, mekɔɔ Asamando, na wɔtoo me twenee koransan, nanso wo AWURADE me Nyankopɔn woyii me firii Amena mu. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron6 Mesiane mekɔɔ mmepɔ nhini ho, mekɔɔ Asamando, na wɔtoo me twenee koransan, nanso wo AWURADE me Nyankopɔn woyii me firii Amena mu. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm6 Memem kɔɔ mmepɔw no ase pɛɛ; asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ. Nanso wugyee me nkwa fii amoa mu, Awurade, me Nyankopɔn. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm6 Memem kɔɔ mmepɔ no ase pɛɛ; asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ. Nanso wogyee me nkwa firii amena mu, Ao Awurade, me Onyankopɔn. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON6 misian mekɔɔ mmepɔw ntini ho tɔnn mekɔɔ asamando na wɔkaa me too koransan kosii daa, nanso wo AWURADE yii me fii owu amoa mu, AWURADE me Nyankopɔn. Faic an caibideil |
Ɛyɛɛ saa na nsuo ho nnua nyinaa mu biara amma ne ho so, ne korɔn nti, na anyiyi ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum mu, na wɔn atumfoɔ amma wɔn ho so annyina wɔn ahantan mu, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa. Ɛfiri sɛ, na wɔde wɔn nyinaa ama owuo, akɔ asase ase tɔnn, nnipa mma mu, akɔ wɔn a wɔsiane kɔ Asamando no nkyɛn.