Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yona 1:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase pɛsɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase pɛsɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Obuae se, “Meyɛ Hebrini, na mesom Awurade, ɔsoro Nyankopɔn a, ɔbɔɔ po ne asase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔbuaa sɛ, “Meyɛ Hebrini, na mesom Awurade, ɔsoro Onyankopɔn a, ɔbɔɔ ɛpo ne asase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase kesee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yona 1:9
29 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn frɛɛ pɛsɛɛ no asase, na nsuo mmoano no, ɔfrɛɛ no ɛpo. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.


Na odwanefoɔ bi bɛka kyerɛɛ Hebrini Abram a ɔte Amorini Mamre, Eskol ne Aner nua no pɔ mu; na wɔne Abram wɔ apam.


AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me firii m’agya fie ne asase a wɔwoo me wɔ soɔ no so, na ɔne me kasaeɛ, na ɔkaa ntam kyerɛɛ me sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn no, ɔbɛsoma ne bɔfoɔ adi w’anim, na woakɔware yerɛ afiri hɔ abrɛ me ba.


ɔfrɛfrɛɛ ne fiefoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, wakɔfa Hebrini yi aba rebɛdi yɛn ho fɛw; waba me nkyɛn sɛ ɔne me rebɛda, na mede nne kɛseɛ meteaa mu;


Na ɛbaa sɛ wɔn hɔ tena mfitiaseɛ mu no na wɔnsuro AWURADE, na AWURADE somaa agyata maa wɔbaa wɔn mu a wɔkunkumm wɔn mu binom.


Na asɔfoɔ a wɔtuu wɔn firii Samaria no mu baako ba bɛtenaa Betel, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsuro AWURADE.


Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE ɔsoro Nyankopɔn de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.


Na sɛ wɔbuaa yɛn nie: Wɔse: Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn no nkoa, na yɛresi ɛdan a wɔsii no tetetete mfeɛ bebree yi a Israel hene kɛseɛ bi siiɛ na ɔwieeɛ no.


Na metee nsɛm yi no, metenaa ase mesui, na medii abooboo nna bi, na medii abuada, na mebɔɔ mpaeɛ ɔsoro Nyankopɔn no anim,


Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdeɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ,


Na Esra kaa sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne deɛ ɛwɔ soɔ nyinaa, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Na wo na wohwɛ wɔn nyinaa so, na ɔsoro asafo no, wo na wɔsɔre woɔ.


Na Satan buaa AWURADE sɛ: Ɛnyɛ biribi nti na Hiob suro Onyankopɔn no anaa?


Monna ɔsoro Nyankopɔn ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifoɔ awogyefoɔ a wɔn mu baako din de Sifra, na ɔbaako din de Pua no sɛ:


Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfirii adi, na hwɛ, na Hebrifoɔ baanu reko. Na ɔbisaa deɛ ɔdi fɔ no sɛ: Adɛn nti na woboro wo yɔnko?


Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.


Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.


Mmarima, adɛn na moreyɛ yeinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.


Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne dea na mesom no no bɔfoɔ bɛgyinaa me nkyɛn


Hwɛ, wɔtwaa me twetia da a ɛtɔ so nwɔtwe, mefiri Israel asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu, Hebrifoɔ mu Hebrini, mmara fam, meyɛ Farisini,


Na ɛdɔn no ara mu asase wosoo kɛse, na kuro no nkyekyɛmu du mu baako hwee ase, na asasewosoɔ no kumm nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkaeɛ no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn animuonyam.


Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.


na wɔn yea ne wɔn nkudaa nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔ wɔn nnwuma mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan