Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yona 1:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛnna wɔsrɛɛ Yona sɛ: Kyerɛ yɛn deɛ ne nti saa amaneɛ yi aba yɛn soɔ yi? W’adwuma ne sɛn, na ɛhe na wofiri baeɛ? Wofiri ɔman bɛn mu, wo nkyi ne he?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɛnna wɔsrɛɛ Yona sɛ: Kyerɛ yɛn deɛ ne nti saa amaneɛ yi aba yɛn soɔ yi? W’adwuma ne sɛn, na ɛhe na wofiri baeɛ? Wofiri ɔman bɛn mu, wo nkyi ne he?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Enti wobisaa no se, “Kyerɛ yɛn, hena na wama saa ɔhaw yi nyinaa aba? Adwuma bɛn na woyɛ? Ɛhe na wufi? Ɔman bɛn so na wufi? Ɛhefo ne wo nkurɔfo?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Enti wɔbisaa no sɛ, “Kyerɛ yɛn, hwan na wama saa ɔhaw yi nyinaa aba? Adwuma bɛn na woyɛ? Ɛhe na wo fire? Ɔman bɛn so na wofiri? Ɛhefoɔ ne wo nkurɔfoɔ?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna wɔsrɛɛ Yona sɛ: Kyerɛ yɛn nea ne nti saa amane yi aba yɛn so yi! W’adwuma ne dɛn, na ɛhe na wufi reba yi? Wufi ɔman bɛn mu, na wo nkyi ne he?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yona 1:8
5 Iomraidhean Croise  

Na Farao bisaa ne nuanom no sɛ: Mo adwuma ne sɛn? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfoɔ, yɛn ne yɛn nananom nso.


Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na momommɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree.


Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa animuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Ɛdeɛn na woyɛeɛ? Nsi me so.


Na Saulo ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Kyerɛ me deɛ woyɛeɛ. Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ka na mede me nsam poma ti mekaa ɛwoɔ kakra mehwɛeɛ. Hwɛ, wuo na mɛwuo!


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Hwan nipa ne wo, na ɛhe na wofire? Na ɔse: Meyɛ Misraimni ba, Amalekni bi akoa, na me wura gyaa me hɔ, ɛfiri sɛ yadeɛ bɔɔ me nnaano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan