Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yona 1:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɛhyɛn no mufoɔ no suroe, na wɔteateaa mu frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotoo ɛhyɛn no mu adwadeɛ guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso Yona deɛ, na wasiane kɔ ɛhyɛn no yam akɔda hatee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ɛhyɛn no mufoɔ no suroe, na wɔteateaa mu frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotoo ɛhyɛn no mu adwadeɛ guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso Yona deɛ, na wasiane kɔ ɛhyɛn no yam akɔda hatee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Hyɛn no mufo no nyinaa suroe, na obiara su frɛɛ ne nyame. Wɔtotoo aguade a ɛwɔ hyɛn no mu guguu po no mu sɛnea hyɛn no mu bɛyɛ hare. Nanso na Yona akɔhyɛ hyɛn no ase baabi ada hatee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛhyɛn no mufoɔ no nyinaa surooɛ na obiara su frɛɛ ne nyame. Wɔtotoo adwadeɛ a ɛwɔ ɛhyɛn no mu guguu ɛpo no mu sɛdeɛ ɛhyɛn no mu bɛyɛ herɛ. Nanso na Yona akɔhyɛ ɛhyɛn no ase baabi ada hatee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na hyɛn no mufo no suroe, na wɔteɛteɛɛm frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotow hyɛn no mu aguade guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso na Yona de, na wasian kɔ hyɛn no yam akɔda hatee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yona 1:5
22 Iomraidhean Croise  

Na wɔfaa nantwinini a wɔde maa wɔn no, na wɔsiesiee; na wɔbɔɔ Baal din firii anɔpa kɔsii awigyina sɛ: Baal, gye yɛn so! Nso wɔante nne biara, na obiara nso annye so. Na wɔhurihuri twaa afɔrebukyia a wɔyɛeɛ no ho hyiae.


Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde wedeɛ pere wedeɛ, na deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.


na ɔka maa ahum kɛseɛ tui, na ɛmaa n’asorɔkyeɛ so.


ogya ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne huruhuro, ahum a ɛyɛ deɛ n’asɛm seɛ:


ɔhwehwɛ wɔ ne berɛ, na ɔyera wɔ ne berɛ; nhwɛsoɔ wɔ ne berɛ, na ɔtoguo wɔ ne berɛ;


Monhyia mmra, mommom mpinkyɛ, mo a moafiri mu afire wɔ amanaman mu. Wɔnnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔkɔ so ara bɔ onyame a ɔntumi nnye nkwa mpaeɛ.


Na ɛhe na w’anyame a woyɛ faeɛ no wɔ? Ma wɔnsɔre, sɛ wɔbɛtumi agye wo, w’amanehunu berɛ mu anaa? Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, saa ara na w’anyame dodoɔ teɛ, O Yuda!


Na wɔnsu mfrɛɛ me wɔn akoma mu, na wɔbobom wɔn, nnaeɛ so; ayuo ne nsa nti na wɔdi nkyeresoɔ, wɔte m’anim atua.


Ɛnna wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: O AWURADE, onipa yi kra nti mma yɛntotɔ, na mfa mogya a yɛdi ho bem ngu yɛn so, na wo, AWURADE, na woyɛ sɛdeɛ wopɛ.


Na nnipa no suroo AWURADE pii pa ara, na wɔbobɔɔ afɔdeɛ maa AWURADE, na wɔhyehyɛɛ no bɔ.


Ɛnna ɛhyɛn mu panin no kɔɔ Yona nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ: Worepɛ akyerɛ sɛn nti a wada hatee saa yi? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia ɔbɛdwene yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha.


Na ayeforɔkunu no kyɛreeɛ no, wɔn nyinaa ani kumee na wɔdedaeɛ.


Na ɔbaeɛ no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani kum.


Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei deɛ, monna na monhome! Hwɛ, dɔn no aduru a wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.


Na wɔdidi meeɛ no, wɔtoo aduane no guu po mu maa suhyɛn no mu yɛɛ hare.


Na ɔdedaa no ne nankoroma so, na ɔfrɛɛ ɔbarima bi maa no bɛyii ne tirinwi mpɛsɛmpɛsɛ nson no, na ɔfirii aseɛ brɛɛ no ase, na n’ahoɔden no firii ne ho kɔe.


Na ɔduruu nnwammuo a ɛwɔ ɛkwan no soɔ no ho; na ɔbodan bi wɔ hɔ, na Saulo hyɛnee mu sɛ ɔrekɔgya ne nan. Na Dawid ne ne nnipa nso tete ɔbodan no mu nohoa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan