Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yona 1:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe wɔ ɛpo no so, na ahum kɛseɛ tui wɔ ɛpo no so, na ɛhyɛn no yɛɛ sɛdeɛ ɛrebɛbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe wɔ ɛpo no so, na ahum kɛseɛ tui wɔ ɛpo no so, na ɛhyɛn no yɛɛ sɛdeɛ ɛrebɛbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso Awurade maa mframa kɛse bi bɔɔ wɔ po no so; ɛmaa ahum tui a, anka hyɛn no rebɛbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso Awurade maa mframa kɛseɛ bi bɔɔ wɔ ɛpo no so; ɛmaa ahum tuiɛ a, anka ɛhyɛn no rebɛbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe ɛpo no so, na ahum kɛse tui na hyɛn no yɛe sɛ ɛrebɛbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yona 1:4
13 Iomraidhean Croise  

Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ, ɔsoro ne fam, ɛpo ne abunu nyinaa mu.


Ɔma amununkum firi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutorɔ, ɔyi mframa firi ne korabea.


ogya ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne huruhuro, ahum a ɛyɛ deɛ n’asɛm seɛ:


Na Mose tenee ne poma no wɔ Misraim asase so, na AWURADE maa apueeɛ mframa bɔ faa asase no so da no nyinaa ne anadwo no nyinaa. Na adeɛ kyeeɛ no, apueeɛ mframa no de ntutummɛ no bae.


Na AWURADE maa atɔeɛ mframa a ano yɛ den pii bae, na ɛbɛfaa ntutummɛ no kɔe, na ɛde wɔn kɔguu Mmɛwa Po mu; ntutummɛ no baako mpo anka Misraim asase nyinaa so.


Na Mose tenee ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdanee po no maa no yɛɛ asase pɛsɛɛ, na nsuo no mu baee.


Wode wo mframa hui, ɛpo no kataa wɔn so; wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛseɛ no mu.


Aprannaa bom a, ɔma nsu dodoɔ ba ɔsoro, na ɔma nsuwisie tu firi asase ano nohoa; ɔyɛ anyinam ka osuo ho, ɔtu mframa firi n’adekorabea hɔnom.


Na hwɛ, deɛ ɔnwonoo mmepɔ na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa deɛ ɛwɔ n’adwene mu no, deɛ ɔyɛ adekyehema esum, na ɔtiatia asase sorɔnsorɔmmea soɔ no, AWURADE, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Na mframa firi AWURADE nkyɛn bɔe, na ɛkɔpraa mmoko firi ɛpo no ho bɛguu nsraban no so, ɛbɛyɛ da koro kwan wɔ ɔfa ha ne da koro kwan wɔ ɔfa ha, nsraban no ho, wɔn sorokorɔ ne asase ani bɛyɛ sɛ basafa baako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan