Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yona 1:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔtenaa mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔɔ mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso Yona guan fii Awurade anim na ɔde nʼani kyerɛɛ Tarsis. Ɔkɔɔ Yopa, na okonyaa hyɛn wɔ hɔ a na ɛrekɔ Tarsis. Otuaa ka kɔtenaa hyɛn no mu, sɛ ɔrefi Awurade anim akɔ Tarsis.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso, Yona dwane firii Awurade anim na ɔde nʼani kyerɛɛ Tarsis. Ɔkɔɔ Yopa, na ɛhɔ ɔkɔnyaa ɛhyɛn a ɛrekɔ Tarsis. Ɔtuaa ka kɔtenaa ɛhyɛn no mu, sɛ ɔrefiri Awurade anim akɔ Tarsis.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔreguan akɔ Tarsis afi AWURADE anim, na osian kɔɔ Yopa, na okohuu hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na otuaa ka kɔɔ mu sɛ ɔreguan AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yona 1:3
35 Iomraidhean Croise  

Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummerɛ mferɛ mu. Na Adam ne ne yere kɔhunta firii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu.


Na Kain firii AWURADE anim kɔe, na ɔkɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apueeɛ.


Na ɔhunuu saa no, ne nkwa nti ɔsuroe na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Beer-seba a ɛyɛ Yuda deɛ no, na ɔgyaa n’abɔfra no wɔ hɔ.


Na ɔduruu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ hɔ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


Na afei, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne nsa a me wura kaeɛ no, ɔmfa mmrɛ ne nkoa no.


Na yɛn deɛ, yɛbɛbu nnua afiri Lebanon sɛdeɛ ɛhia woɔ nyinaa, na yɛde ayɛ mpuna de abrɛ wo, Yopa po so, na wo nso wode aforo akɔ Yerusalem.


Na ɔhene wɔ ahyɛnkuo a ɛne Huram nkoa no kɔ Tarsis; mfeɛ mmiɛnsa biara Tarsis ahyɛn no ba prɛko de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne nkokɔnini-abankwaa ba.


Na wɔde sika maa aboɔpaefoɔ ne nnua adwumfoɔ no, na wɔde aduane ne anonneɛ ne ngo maa Sidonfoɔ ne Tirofoɔ sɛ wɔnkɔfa ntweneduro nnua mfiri Lebanon nkɔ Yopa po ano, sɛdeɛ Persiahene Kores maa wɔn ho kwan no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, deɛ ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, ɔno ara deɛ, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan firii AWURADE anim kɔeɛ.


Ɛnna Satan firii AWURADE anim kɔeɛ, na ɔde akuro bɔne kɔtutuu Hiob firi ne nan ase kɔsii n’apampam.


Wɔn a wɔsiane kɔ ɛpo so ahyɛn mu na wɔkɔdi nsuo akɛseɛ mu dwuma no,


ne Tarsis ahyɛn nyinaa ne ahwɛdeɛ a ɛyɛ fɛ nyinaa so.


Tiro ho atemmusɛm. O, mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo, ɛfiri sɛ wɔasɛe no a efie nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio! Ɛfiri Kipro asase so na wɔyi kyerɛ wɔn.


O Tarsis babaa, yiri w’asase so sɛ Nil; nkyekyeremu biara nni hɔ bio.


Montwa nkɔ Tarsis, mo mpoanofoɔ, montwa adwo.


Aane, me na mpoano aman bɛtwɛn me, na Tarsis ahyɛn na ɛbɛdi kan, na wɔde wo mma firi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel Kronkronni no, ɛfiri sɛ ɔno na wahyɛ wo animuonyam.


Wɔde dwetɛ a wɔaborɔ firi Tarsis ba, ne sika nso firi Ufas, ɛyɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ nsa ano adwuma; bibitoma ne ntoma a ɛberedum na ɛfira wɔn, yei nyinaa yɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma.


Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ woɔ yi, nyɛ atuateni sɛ atuatefoɔ fie yi; bae w’anomu, na di deɛ mede merema woɔ yi.


Tarsis ne w’adamfo, w’adeɛ nyinaa dodoɔ nti; dwetɛ, dadeɛ, sanya, ne sumpii na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ.


Na honhom no maa me so faa me kɔe, na mekɔɔ no nwononwono mu, me honhom anibereɛ no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.


Ɛnna nnipa no suroo pii pa ara, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Na na nnipa no nim sɛ AWURADE anim na ɔredwane afire, ɛfiri sɛ na waka akyerɛ wɔn.


Na ɔbisaa AWURADE sɛ: Ao, AWURADE! ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase soɔ no mekaeɛ nie? Yei ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ meredwane akɔ Tarsis, ɛfiri sɛ menim sɛ wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, wo bo kyɛre fu na w’adɔeɛ dɔɔso, na wosesa w’adwene wɔ mmusuo a wode reba ho.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Obiara a ɔde ne nsa kɔsɔ funtumdadeɛ mu na ɔhwɛ n’akyire no mfata Nyankopɔn ahennie no mu.


Nanso Paulo susuu sɛ ɛnyɛ sɛ wɔbɛfa deɛ ɔtwee ne ho firii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho.


Enti, Ɔhene Agripa, manyɛ ɔsoro adeɛ a wɔyi kyerɛɛ me no ho asoɔden,


Nso na osuani baa bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka. Ɔbaa yi na nnwuma pa ne mmɔborɔhunu adeɛ a ɔyɛeɛ no ayɛ no ma.


Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafoɔ no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn.


Na wɔtee no wɔ Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii.


Na ɔtenaa Yopa kyɛree kakra wɔ Simon nwomahyɛni bi nkyɛn.


Na sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ adeɛ a mede hoahoa me ho, ɛfiri sɛ ɛtwa sɛ meka, na sɛ manka asɛmpa no a, mennue!


Wɔn na wɔbɛnya akatua a ɛyɛ daa ɔsɛeɛ, ne yi a wɔyi wɔn firi Awurade anim ne ne tumi animuonyam ho,


Me-yarkon, Rakon, ɛne Yafo anim hyeɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan