Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 9:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifirani no ne mprenu soɔ, na wɔsee no sɛ: Fa animuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn deɛ, yɛnim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifirani no ne mprenu soɔ, na wɔsee no sɛ: Fa animuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn deɛ, yɛnim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Wɔsan frɛɛ aberante a na ɔyɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu se, asɛm a yɛrebebisa wo yi wubedi nokware. Yenim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛni.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Wɔsane frɛɛ aberanteɛ a na ɔyɛ onifirani no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, asɛm a yɛrebɛbisa wo yi wobɛdi nokorɛ. Yɛnim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifuraefo no, mprenu so, na wosee no sɛ: Fa anuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn de, yenim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 9:24
22 Iomraidhean Croise  

Na afei mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ AWURADE mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ deɛ ɔpɛ no, na monte mo ho mfiri asase so aman ne mmaa ananafoɔ no ho.


Montie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ: Mo nuanom a wɔtane mo a me din nti wɔtu mo no ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam na yɛnhunu mo anigyeɛ; nanso wɔn na wɔn ani bɛwu.


Na wɔsɛnee akwanmukafoɔ baanu kaa ne ho, ɔbaako wɔ ne nifa, na ɔbaako wɔ ne benkum;


Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no nwiinwii kaa sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfoɔ, na ɔne wɔn didi.


Na nkurɔfokuo no hunuiɛ no, wɔn nyinaa nwiinwii kaa sɛ: Ɔrekɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ debɔneyɛni.


Na Farisini a ɔhyiaa no adidie no hunuiɛ no, ɔkaa ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a, anka ɔbɛhunu onii ne ɔbaa ko a ɔde ne nsa ka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni.


Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifoɔ no reba, na ɔnni tumi biara wɔ me so.


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


Wɔbua see no sɛ: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛni a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no hunuu no no, wɔteateaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛnnua mu! Na me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Mo mu hwan na ɔbu me bɔne bi ho atɛn? Na sɛ meka nokorɛ a, adɛn nti na monnye me nnie?


Yesu buaa sɛ: Me deɛ, menni honhommɔne; na medi m’Agya no ni, na mo deɛ, mohyɛ me ahohora.


Ɛnna Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ: Onipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa debɔneyɛni bɛtumi ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛte seyie? Na mpaepaemu baa wɔn mu.


Ɛnna ɔbua kaa sɛ: Sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni a, mennim; adeɛ baako na menim, sɛ na anka meyɛ onifirani, na afei deɛ mehunu adeɛ.


Na deɛ mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛ nti, Onyankopɔn somaa ɔno ara ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ honam no mu


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa animuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Ɛdeɛn na woyɛeɛ? Nsi me so.


Na ɛdɔn no ara mu asase wosoo kɛse, na kuro no nkyekyɛmu du mu baako hwee ase, na asasewosoɔ no kumm nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkaeɛ no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn animuonyam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan