Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 9:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 N’awofoɔ kaa yei, ɛfiri sɛ na wɔsuro Yudafoɔ no; na Yudafoɔ no apam dada sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔno ne Kristo no a, wɔbɛtu no afiri hyiadan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 N’awofoɔ kaa yei, ɛfiri sɛ na wɔsuro Yudafoɔ no; na Yudafoɔ no apam dada sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔno ne Kristo no a, wɔbɛtu no afiri hyiadan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Nea ɛmaa nʼawofo no kaa saa ne sɛ, na wosuro Yudafo mpanyimfo no a wɔaka se, obiara a ɔbɛka se Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afi asɔredan no mu hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Deɛ ɛmaa nʼawofoɔ no kaa saa ne sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanimfoɔ no a wɔaka sɛ, obiara a ɔbɛka sɛ Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afiri asɔredan no mu hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 N’awofo kaa eyi, efisɛ wosuro Yudafo no; na Yudafo no apam dedaw sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔne Kristo no a, wobetu no afi hyiadan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 9:22
24 Iomraidhean Croise  

Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.


Me ara mene mo werɛkyekyefoɔ; hwan ne wo na wosuro ɔdasani a ɔwuo ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wira?


Montie me, mo a monim tenenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn akoma mu, monnsuro ɔdasani ahohorabɔ, na mommma wɔn ahiyie nnyɛ mo ahopopoɔ,


Na hwan nti na w’akoma tuiɛ na wosuroeɛ, na wodii atorɔ, na woankae me amfa anhyɛ w’akoma mu yi? Me deɛ, ɛnyɛ komm a mefiri tete mayɛ nti na wonsuro me yi anaa?


Nhyira ne mo sɛ nnipa kyiri mo, na wɔyi mo firi wɔn mu na, wɔya mo, na wɔto mo din twene sɛ dimmɔne, Onipa Ba no nti.


Yei ne Yohane adanseɛ ɛberɛ a Yudafoɔ somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: Woyɛ hwan no.


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


Na yeinom akyiri no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafoɔ ho hu nti, ɔyɛɛ no kokoam no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no nyi Yesu amu no; na Pilato maa no ɛho kwan. Na ɔba bɛyii n’amu no.


Ɛnna da a ɛdi nnawɔtwe kan no ara, ɛduruu anwummerɛ na Yudafoɔ ho hu nti wɔatoto apono mu faako a asuafoɔ no ahyia hɔ no, Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔsee wɔn sɛ: Asomdwoeɛ nka mo!


Nanso Yudafoɔ no ho hu nti, obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee.


Nso na Yudafoɔ no nnye ne ho nsɛm no nni, sɛ anka ɔyɛ onifirani na ɔhunuu adeɛ, de kɔsii sɛ wɔfrɛɛ deɛ ɔhunuu adeɛ no awofoɔ,


na sɛ ɛyɛeɛ na afei ɔhunu adeɛ yi deɛ, yɛnnim. Na bio nso onipa korɔ a ɔbuee n’ani no, yɛn deɛ, yɛnnim; mommisa no, wanyini, na ɔno ara bɛkasa ama ne ho.


Wɔbua see no sɛ: Wo deɛ, bɔne mu koraa na wɔwoo woɔ, na wo na wokyerɛkyerɛ yɛn? Na wɔpamm no firii adi.


Yesu tee sɛ wɔapam no afiri adie; na ɔhunuu no no, ɔbisaa sɛ: Wogye Onipa Ba no di anaa?


Na wɔfrɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛm, nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa.


Na wɔn a aka no mu biara ansi ne bo sɛ ɔde ne ho bɛbɔ wɔn ho, nanso ɔman no buu wɔn kɛseɛ.


Na wɔtiee no, na wɔfrɛɛ asomafoɔ no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wɔgyaa wɔn.


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan