Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 9:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Nso na Yudafoɔ no nnye ne ho nsɛm no nni, sɛ anka ɔyɛ onifirani na ɔhunuu adeɛ, de kɔsii sɛ wɔfrɛɛ deɛ ɔhunuu adeɛ no awofoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Nso na Yudafoɔ no nnye ne ho nsɛm no nni, sɛ anka ɔyɛ onifirani na ɔhunuu adeɛ, de kɔsii sɛ wɔfrɛɛ deɛ ɔhunuu adeɛ no awofoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Yudafo no annye anni ara da sɛ, na saa aberante no yɛ onifuraefo a afei de ohu ade, kosi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofo bae,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Yudafoɔ no annye anni ara da sɛ, na saa aberanteɛ no yɛ onifirani a afei deɛ ɔhunu adeɛ, kɔsi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofoɔ baeɛ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Nso Yudafo no nnye ne ho nsɛm no nni, sɛ anka ɔyɛ onifuraefo na ohuu ade, de kosii sɛ wɔfrɛɛ nea ohuu ade no awofo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 9:18
11 Iomraidhean Croise  

Na Lot firii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmammaa no kɔkasaa sɛ: Monsɔre mfiri ha, na AWURADE rebɛsɛe kuro yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.


O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔnhunu; ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu; ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya.


Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na AWURADE basa no, hwan so na ada adie ama no ahunu?


Na ɔsee no sɛ: Sɛ wɔantie Mose ne adiyifoɔ no a, obi firi awufoɔ mu sɔre mpo a, wɔrennye no nni.


Yei ne Yohane adanseɛ ɛberɛ a Yudafoɔ somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: Woyɛ hwan no.


Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ?


na wɔbisaa wɔn sɛ: Mo ba a moka sɛ wɔwoo no onifirani no ni anaa? Afei ɛyɛɛ dɛn na ɔhunu adeɛ yi?


N’awofoɔ kaa yei, ɛfiri sɛ na wɔsuro Yudafoɔ no; na Yudafoɔ no apam dada sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔno ne Kristo no a, wɔbɛtu no afiri hyiadan mu.


Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛne ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden korɔ no ara ho nhwɛsoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan