Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 9:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Ɛnna wɔsee onifirani no bio sɛ: Wo deɛ, woka deɛn ne ho, sɛ ɔbuee w’ani no? Na ɔse: Ɔyɛ odiyifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Ɛnna wɔsee onifirani no bio sɛ: Wo deɛ, woka deɛn ne ho, sɛ ɔbuee w’ani no? Na ɔse: Ɔyɛ odiyifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Afei Farisifo yi san bisaa aberante no se, “Wo na wuse ɔma wuhuu ade, dɛn asɛm na woka fa ne ho?” Aberante yi buae se, “Migye di sɛ ɔyɛ odiyifo a ofi Onyankopɔn nkyɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Afei Farisifoɔ yi sane bisaa aberanteɛ no sɛ, “Wo na wose ɔma wohunuu adeɛ, ɛdeɛn asɛm na woka fa ne ho?” Aberanteɛ yi buaa sɛ, “Megye di sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Ɛnna wosee onifuraefo no bio sɛ: Wo nso, wabue w’ani yi, dɛn na woka wɔ ne ho? Na ose: Ɔyɛ odiyifo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 9:17
9 Iomraidhean Croise  

Na nkurɔfoɔ akuakuo no se: Oyi ne Yesu, odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Na ɔbisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wɔsee no sɛ: Deɛ ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi, nneyɛɛ ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho,


Ɔbaa no see no sɛ: Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.


Afei nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ: Ampa, odiyifoɔ a ɔreba wiase no nie!


Ɛnna Farisifoɔ no nso bisaa no bio sɛdeɛ ɛyɛeɛ na ɔhunuu adeɛ. Na ɔsee wɔn sɛ: Dɔteɛ na ɔde sraa m’ani soɔ, na mekɔhohoroo soɔ, na mehunu adeɛ yi.


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,


Odiyifoɔ a ɔfiri wo mu a ɔfiri wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama woɔ, ɔno na montie no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan