Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 8:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔn deɛ, wɔteeɛ, na wɔn ahonim buu wɔn atɛn no, wɔfirii adi mmaako mmaako firi mpanimfoɔ so bɛsii wɔn a wɔdi akyire so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbaa a ɔgyina mfimfini no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔn deɛ, wɔteeɛ, na wɔn ahonim buu wɔn atɛn no, wɔfirii adi mmaako mmaako firi mpanimfoɔ so bɛsii wɔn a wɔdi akyire so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbaa a ɔgyina mfimfini no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, wofii ase fii hɔ mmaako mmaako fii mpanyin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbea no nko ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Nnipa no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ firii hɔ mmaako mmaako firi mpanin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbaa no nko ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔn de, wɔtee na wɔn ahonim yii wɔn ntɛn no, wofii adi mmiako mmiako fi mpanyimfo so besii wɔn a wodi akyiri so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbea a ogyina mfinimfini no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 8:9
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Nyankopɔn nipa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!


Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wo ara wonim, w’akomam, bɔne a wode yɛɛ m’agya Dawid no nyinaa, na AWURADE adane wo bɔne no agu w’atifi.


Ɔsoro bɛyi n’amumuyɛ adi, na asase bɛsɔre atia no.


sɛ abɔnefoɔ ahurisidie nkyɛ, na nyaatwomfoɔ anigyeɛ yɛ berɛ tiaa bi?


Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra asɛe no no ani nwu, na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi, na wɔnnane ahohorafoɔ.


Woayɛ yeinom, na mayɛ komm nti, wosusu sɛ mete sɛ wo ara, mɛka w’anim na mede mataataa w’anim.


Me kra ho asɛmpɛfoɔ ani bɛwu na wɔayera, ahohora ne nsopa bɛkata wɔn a wɔpɛ me bɔne so.


Na w’akoma nim mprɛ bebree a wo nso wodomee ebinom.


Na ɔkaa saa no, n’atamfoɔ no nyinaa ani wuiɛ, na nkurɔfokuo no nyinaa ani gyee animuonyam adeɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa nti.


Na Yesu maa ne mu soɔ, na wanhunu obiara sɛ ɔbaa no nko no, ɔsee no sɛ: Ɔbaa, ɛhe na w’atoafoɔ no wɔ? Obi ammu wo fɔ anaa?


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefie bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.


Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no de ɔbaa bi a wɔakye no adwamammɔ mu bae; na wɔde no bɛgyinaa mfimfini no,


Na ɔbrɛɛ ne mu ase bio, twerɛtwerɛɛ fam.


Wɔde yei kyerɛ sɛ, wɔatwerɛ mmara adwuma no wɔ wɔn akoma mu, na wɔn ahonim nso di wɔn adanseɛ, na wɔn nsusuiɛ toto wɔn ano, anaasɛ nso ɛtwitwa gye wɔn,


Wo a wose wɔnnsɛe awadeɛ no, ɛnna wosɛe awadeɛ yi? Wo a wokyiri ohoni no, ɛnna wofom asɔrefie nnoɔma yi?


sɛ yɛn akoma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn so kyɛne yɛn akoma na ɔhunu ade nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan