Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 8:51 - New Revised Asante Twi Bible

51 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhunu owuo ara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

51 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhunu owuo ara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

51 Meka nokware pefee kyerɛ mo se, obiara a odi mʼasɛm so no renwu da.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

51 Meka nokorɛ pefee kyerɛ mo sɛ, obiara a ɔdi mʼasɛm so no renwu da.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

51 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhu wu ara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 8:51
15 Iomraidhean Croise  

Ɔdasani bɛn na ɔte ase a ɔrenhunu owuo, na ɔbɛyi ne kra afiri Asamando nsam?


Nokorɛ mese mo sɛ: Nnipa binom gyina ha a wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahennie mu.


Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhunu owuo, gye sɛ wahunu Kristo a ɔyɛ Awurade deɛ no ansa.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wɔbɛdi mo deɛ so bi.


Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn firi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔte m’asɛm, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmuo mu, na watwa mu afiri owuo mu kɔ nkwa mu.


yei ne paanoo a ɛsiane firi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu.


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Afei na yɛahunu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifoɔ no wuwui, na wo deɛ, wose: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owuo nhwɛ ara da.


Nso moanhu no, na me deɛ, menim no; na sɛ meka sɛ mennim no a, meyɛ ɔtorofoɔ te sɛ mo. Nanso menim no, na medi n’asɛm so.


Gyidie nti na wɔfaa Henok kɔeɛ na wanhunu owuo; na wɔanhu no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛfaa no kɔeɛ ntira; na ansa na wɔrebɛfa no akorɔ no, ɔnyaa adanseɛ sɛ ɔsɔ Nyankopɔn ani.


Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan