Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 8:43 - New Revised Asante Twi Bible

43 Adɛn nti na monte me kasa aseɛ? Ɛfiri sɛ montumi ntie m’asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

43 Adɛn nti na monte me kasa aseɛ? Ɛfiri sɛ montumi ntie m’asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Adɛn nti na monte nsɛm a mereka yi ase? Efisɛ mompɛ sɛ mote ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Adɛn enti na monte nsɛm a mereka yi ase? Ɛfiri sɛ, mompɛ sɛ mote aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

43 Adɛn nti na monte me kasa ase? Efisɛ muntumi ntie m’asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 8:43
18 Iomraidhean Croise  

Nnipa bɔne nhunu atemmuo mu, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyiri kwan no hunu ade nyinaa mu.


Wɔnnim na wɔnni nhunumu, na wasram wɔn ani so, na wɔanhunu adeɛ, ne wɔn adwene nso, na wɔante aseɛ;


Na ɔse: Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: Teɛ ara na monteɛ, na monnte aseɛ, na hunu ara na monhunu, na monnhunu mu.


Hwan na menkasa menkyerɛ no, na memmɔ no kɔkɔ, na wɔate? Hwɛ, wɔn aso asisi, na wɔntumi ntie asɛm; hwɛ, AWURADE asɛm adane wɔn ahohoradeɛ, ɛnyɛ wɔn dɛ.


Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.


Na wɔn deɛ, wɔnnim AWURADE adwene na wɔnhunu n’agyinatuo mu; sɛ waboaboa wɔn ano sɛ ayuporebea afiafi.


Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔn aso mu ayɛ duru, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho, na mansa wɔn yadeɛ.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na anya adu a awufoɔ bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔteɛ no bɛnya nkwa.


Me deɛ, mebaa m’Agya din mu, na monnye me; sɛ ɔfoforɔ ba ɔno ara din mu a, ɔno na mobɛgye no.


Enti n’asuafoɔ no mu pii teeɛ no, wɔkaa sɛ: Asɛm yi yɛ den, hwan na ɔbɛtumi atie?


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri me ara me tirim na meka.


Wɔanhunu sɛ Agya no ho asɛm na ɔka kyerɛɛ wɔn.


Wɔbuaa no sɛ: Abraham asefoɔ ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehyeɛ?


Wɔbua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma;


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


Obiara nni hɔ a ɔwɔ nteaseɛ, obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan