Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 8:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Mewɔ mo ho nsɛm pii a mɛka, na mabu atɛn; na deɛ ɔsomaa me no yɛ nokwafoɔ. Na deɛ metee no ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Mewɔ mo ho nsɛm pii a mɛka, na mabu atɛn; na deɛ ɔsomaa me no yɛ nokwafoɔ. Na deɛ metee no ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Mewɔ mo ho nsɛm pii a anka mɛka atia mo. Nanso nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo na asɛm a meka no yɛ nea mate afi ne nkyɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Mewɔ mo ho nsɛm pii a anka mɛka atia mo. Nanso, deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ na asɛm a meka no yɛ deɛ mate afiri ne nkyɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Mewɔ mo ho nsɛm pii a mɛka na mabu atɛn; na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo. Na nea metee ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 8:26
17 Iomraidhean Croise  

Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ nnoɔma a mate no m’Agya nkyɛn nyinaa maka makyerɛ mo.


Mewɔ nsɛm pii meka mekyerɛ mo, nanso montumi nsoa seesei.


ɛfiri sɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahunu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Yesu buaa no sɛ: Me deɛ, mekasaa pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛɛ hyia adan mu ne asɔrefie, faako a Yudafoɔ nyinaa hyia, na kokoam deɛ menkaa hwee.


Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ; nanso monnye yɛn adanseɛ no.


Yesu buaa wɔn kaa sɛ: Me nkyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na deɛ ɔsomaa me no dea.


Ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefie no, ɔteaa mu sɛ: Monim me, na monim deɛ mefire. Na ɛnyɛ me ara na mehyɛɛ me ho mebaeɛ; na deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ a monnim no.


Ɛnna wɔsee no sɛ: Wone hwan? Na Yesu see wɔn sɛ: Deɛ mefiri mfitiaseɛ meka mekyerɛɛ mo no a.


Wɔanhunu sɛ Agya no ho asɛm na ɔka kyerɛɛ wɔn.


na afei morehwehwɛ me aku me, me a maka mo nokorɛ a mate no Nyankopɔn nkyɛn no. Yei deɛ, Abraham anyɛ saa.


Na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ nti, yɛn asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no nnyɛ aane ne dabi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan