Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 8:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Enti mese mo sɛ: Mobɛwu mo bɔne mu; na sɛ moannye anni sɛ mene no a, mobɛwu mo bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Enti mese mo sɛ: Mobɛwu mo bɔne mu; na sɛ moannye anni sɛ mene no a, mobɛwu mo bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Ɛno nti na meka kyerɛ mo se mubewu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ, mene nea mene a, mubewu wɔ mo bɔne mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Ɛno enti na meka kyerɛ mo sɛ mobɛwu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ, mene deɛ mene a, mobɛwu wɔ mo bɔne mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Enti mise mo sɛ: Mubewu mo bɔne mu; na sɛ moannye anni sɛ mene no a, mubewu mo bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 8:24
18 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ME ARA NE ME ARA. Na ɔse: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: ME ARA na asoma me mo nkyɛn.


na deɛ ɔfom me no di ne kra aborɔ, wɔn a wɔtane me nyinaa dɔ owuo.


Na nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ: Mene Kristo no; na wɔabɛdaadaa nnipa pii.


Nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na wɔabɛdaadaa nnipa pii.


Deɛ ɔgye die, na wɔbɔ no asu no wɔbɛgye no nkwa, na deɛ ɔnnye nnie no, wɔbɛbu no fɔ.


Na ɔse: Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na, Ɛberɛ no abɛn. Na enti monnni wɔn akyi!


Afei mese mo ansa na aba, na sɛ ɛnya ba a, moagye adi sɛ mene no.


Deɛ ɔgye no die no, wɔmmu no atɛn; na deɛ ɔnnye nnie no, wɔabu no atɛn dada sɛ wannye Nyankopɔn ba korɔ no din no annie.


Deɛ ɔgye Ɔba no die no wɔ daa nkwa; na deɛ ɔntie Ɔba no deɛ, ɔrenya nkwa, na Nyankopɔn abufuo da ne so.


Yesu see no sɛ: Me a me ne wo rekasa yi, mene no.


Ɛnna ɔsee wɔn bio sɛ: Me deɛ, merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, na mobɛwu mo bɔne mu; na faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ.


Ɛnna wɔsee no sɛ: Wone hwan? Na Yesu see wɔn sɛ: Deɛ mefiri mfitiaseɛ meka mekyerɛɛ mo no a.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ monya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no, na memmɔ me ara me tirim menyɛ biribi, na sɛdeɛ Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno saa na meka.


Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewɔ hɔ.


Na nkwagyeɛ nni obiara mu, na nso din foforɔ nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa wɔ mu.


Monhwɛ na moampo deɛ ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo deɛ ɔkasaa asase soɔ no amfiri ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdane firi deɛ ɔfiri soro kasa no ho a, yɛbɛdwane?


yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan