Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 8:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na ɔsee wɔn sɛ: Mo deɛ, mofiri fam, na me deɛ, mefiri soro. Mofiri wiase; na me deɛ, memfiri wiase yi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na ɔsee wɔn sɛ: Mo deɛ, mofiri fam, na me deɛ, mefiri soro. Mofiri wiase; na me deɛ, memfiri wiase yi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu buaa wɔn se, “Mo de, mufi asase so ha nanso me de, mifi ɔsoro na mebae. Mo de, mufi wiase nanso me de, mimfi wiase,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, mofiri asase so ha, nanso me deɛ, mefiri ɔsoro na mebaeɛ. Mo deɛ, mofiri ewiase, nanso me deɛ, memfiri ewiase,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na osee wɔn sɛ: Mo de, mufi fam, me de, mifi soro. Mufi wiase; me de, mimfi wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 8:23
15 Iomraidhean Croise  

Nnipa nneyɛɛ fam, w’anomu asɛm no nti masɔre me ho, awerɛmfoɔ akwan ho.


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atane wɔn, ɛfiri sɛ wɔmfiri wiase, sɛdeɛ me nso memfiri wiase no.


Wɔmfiri wiase, sɛdeɛ me nso memfiri wiase no.


Na obi mforo nkɔɔ ɔsoro, gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.


Deɛ ɔfiri soro ba no sene nnipa nyinaa. Deɛ ɔfiri fam no firi fam, na ɔfiri fam kasa; deɛ ɔfiri soro ba no sene nnipa nyinaa,


Awaresɛefoɔ, monnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtane a wɔtane Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfoɔ no gyina hɔ sɛ Nyankopɔn tamfo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan