Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 8:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefie no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankye no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefie no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankye no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Yesu kaa eyinom nyinaa wɔ bere a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan no mu sikakorabea hɔ no. Obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnu ɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Yesu kaa yeinom nyinaa ɛberɛ a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan no mu sikakorabea hɔ no. Obiara antumi amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ, na ne berɛ a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnuruiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefi no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankyere no, efisɛ ne dɔn nnya nnui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 8:20
17 Iomraidhean Croise  

Na nokorɛdie adwuma mu na apono ano hwɛfoɔ mpanin baanan no, Lewifoɔ no wɔ, na wɔdi Nyankopɔn fie mpumpunu ne adekora adan no soɔ.


Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no faa nnwetɛbena no kaa sɛ: Ɛnni ho kwan sɛ wɔde gu ayɛyɛdeɛ adaka mu, ɛnam sɛ ɛyɛ mogya ano boɔ.


Na Yesu kɔtenaa sika adaka no anim, ɔhwɛɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ no de sika regu adaka no mu; na adefoɔ pii de bebree bɛguu mu.


Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ: Okunafoɔ hiani yi de deɛ ɛdɔɔso abɛgu mu sene wɔn a wɔde bi abɛgu sika adaka no mu nyinaa.


Na Atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa kɔsɔ ne mu kye no dɔn no ara mu, nanso wɔsuroo ɔman no; ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn.


Na ɔmaa n’ani so hunuu adefoɔ a wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ regu ɛtoɔ adaka no mu.


Ɛnna wɔhwehwɛɛ bio sɛ wɔkye no, na ɔfiri wɔn nsa kɔe.


Yesu see no sɛ: Ɔbaa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnurui!


Na afahyɛ no mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefie kɔkyerɛkyerɛeɛ.


Enti na anka wɔrehwehwɛ no akye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.


Na wɔn mu binom pɛɛ sɛ wɔkye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no.


Mo deɛ, monkɔ afahyɛ yi ase. Me deɛ, mennya menkɔɔ afahyɛ yi ase; ɛfiri sɛ me berɛ nnya nnurui.


Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefie bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.


Ɛnna wɔtasee aboɔ sɛ wɔbɛto abɔ no, na Yesu huntae, na ɔfiri asɔrefie hɔ kɔe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan