Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 8:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefie bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefie bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ade kyee anɔpa no ɔsan baa hyiadan no mu. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Adeɛ kyee anɔpa no, ɔsane baa asɔrefie. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefi bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 8:2
14 Iomraidhean Croise  

Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Ɛfiri Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba afe a ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ de bɛduru nnɛ da yi, mfirinhyia aduonu mmiɛnsa yi mu, AWURADE asɛm baa me nkyɛn maa metuaa nhema meka kyerɛɛ mo, na moantie.


Na wɔdanedanee wɔn atikɔ kyerɛɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔtuaa nhema kyerɛkyerɛ wɔn, na wɔn deɛ, wɔantie sɛ wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ.


Na mesomaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa maa wɔbaa mo nkyɛn, metuaa nhema mesomaa sɛ: Monnyɛ akyiwadeɛ a ɛyɛ me tane yi bi.


Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me.


Nso da biara no, na ɔkyerɛkyerɛ asɔrefie hɔ awia, na anadwo na wafiri hɔ akɔtena bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ no so.


Na ɔman no nyinaa tua anɔpa ba ne nkyɛn asɔrefie hɔ bɛtie no.


Na ɔbobɔɔ nwoma no de maa ɔsomfoɔ no na ɔtenaa ase; na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn.


Na ɔkɔɔ ɔkodoɔ no baako a ɛyɛ Simon dea mu srɛɛ no sɛ ɔntwe mfiri fam kakra. Na ɔtenaa aseɛ no, ɔfiri kodoɔ no mu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no.


Yesu see wɔn sɛ: M’aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n’adwuma.


Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefie no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankye no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.


Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no de ɔbaa bi a wɔakye no adwamammɔ mu bae; na wɔde no bɛgyinaa mfimfini no,


Na wɔteeɛ no, wɔkɔɔ asɔrefie ahemadakye kɔkyerɛkyerɛe. Na ɔsɔfo panin ne wɔn a wɔka ne ho no bae, na wɔfrɛɛ badwafoɔ ne Israel mma mpanimfoɔ nyinaa hyiae, na wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan