Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 8:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔse: Obi ammu me fɔ, Owura. Na Yesu see no sɛ: Me nso memmu wo fɔ, kɔ na nkɔyɛ bɔne bio!]

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔse: Obi ammu me fɔ, Owura. Na Yesu see no sɛ: Me nso memmu wo fɔ, kɔ na nkɔyɛ bɔne bio!]

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbea no buaa Yesu se, “Dabi, Owura.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ saa na ɛte de a, ɛno de me nso minni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbaa no buaa Yesu sɛ, “Dabi, Owura.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ɛnneɛ me nso menni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ose: Obi ammu me fɔ, owura. Na Yesu see no sɛ: Me nso mimmu wo fɔ; kɔ na nkɔyɛ bɔne bio!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 8:11
27 Iomraidhean Croise  

Na obi bɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: Mahunu amane, merenyɛ amumuyɛ bio,


Deɛ ɔkata ne mmarato soɔ no, ɔrenyɛ prɔmprɔm, na deɛ ɔka na ɔgyaeɛ no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.


Monhwehwɛ AWURADE, berɛ a ɔma wɔhu no no, momfrɛ no berɛ a ɔbɛn no.


Mese mo sɛ: Ɛnte saa, na mmom sɛ moansakyera mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.


Mese mo sɛ: Ɛnte saa, na mmom sɛ moansakyera mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.


Saa ara na mese mo sɛ: Anigyeɛ ba Nyankopɔn abɔfoɔ anim ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho.


Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gyeɛ na yɛn bo tɔ yɛn yam, ɛfiri sɛ wo nua yi wui, na wanyane; ɔyerae, na wɔahu no.


Mese mo sɛ: Saa ara na anigyeɛ bɛba soro, ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho, sene nnipa tenenee aduɔkron nkron a ɛnhia wɔn adwensakyera.


Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.


Na wɔkɔɔ akuraa foforɔ bi ase.


Yesu buaa sɛ: M’ahennie mfiri wiase. Sɛ m’ahennie firi wiase a, anka m’asomfoɔ bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafoɔ no nsa; nanso m’ahennie mfiri ha.


Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase.


Yei akyiri no, Yesu hunuu no asɔrefie, na ɔsee no sɛ: Hwɛ, wo ho ayɛ wo den; nyɛ bɔne bio, na deɛ ɛyɛ bɔne sene yei anyɛ wo.


Mo deɛ, mobu ɔhonam ani atɛn; na me deɛ, memmu obiara atɛn.


Anaasɛ wote n’ayamyɛ ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho atua a, wonim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ de wo rekɔ adwensakyera mu?


Na ɛfa me ho bɛn na merebu wɔn a wɔmfra mo mu no nso atɛn bie? Ɛnyɛ wɔn a wɔfra mo mu no na mobu wɔn atɛn?


Sisi wo so atemmufoɔ ne mpanimfoɔ, wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛdeɛ wo mmusuakuo teɛ no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no.


na kɔ asɔfoɔ Lewifoɔ ne ɔtemmufoɔ a ɔwɔ so saa berɛ no nkyɛn kɔbisa, na wɔnkyerɛ wo atɛn a buo.


na mommu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagyeɛ, sɛdeɛ yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no twerɛɛ mo no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan