Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 7:42 - New Revised Asante Twi Bible

42 Atwerɛsɛm no anka sɛ Dawid asefoɔ mu ne Betlehem kuro a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no bɛfire anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

42 Atwerɛsɛm no anka sɛ Dawid asefoɔ mu ne Betlehem kuro a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no bɛfire anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Kyerɛwsɛm no anka se saa Kristo no befi Dawid abusua mu na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kurow a Dawid tenaa mu no mu ana?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Atwerɛsɛm no anka sɛ, saa Kristo no bɛfiri Dawid abusua mu, na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kuro a Dawid tenaa mu no mu anaa?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

42 Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 7:42
17 Iomraidhean Croise  

Salma a ɔyɛ Betlehem n’agya, Haref a ɔyɛ Bet-gader n’agya.


AWURADE aka Dawid ntam nokorɛ mu a ɔnnane ani: Mede wo yafumma mu bi matena w’adwa so mama wo.


Mɛma w’asefoɔ atim akɔsi daa, na mama w’ahennwa asi so akɔduru awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ so.


Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu, na duban afiri ne nhini mu aso aba.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma tenenee Duban bi so mama Dawid, na ɔbɛdi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntenenee ayɛ ade tenenee asase no so.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.


Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awoɔ ntoatoasoɔ.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifoɔ no atwerɛ sɛ:


Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, ɛfiri sɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel so no bɛfiri aba.


sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo, Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.


Na Yosef nso firii Nasaret a ɛwɔ Galilea sii mu kɔɔ Yudea, Dawid kuro a wɔfrɛ no Betlehem mu, ɛfiri sɛ na ɔfiri Dawid fie ne n’abusua mu,


Nanso oyi deɛ, yɛnim deɛ ɔfire; na Kristo no deɛ, sɛ ɔba a, obi renhunu deɛ ɔfire.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Na mmeranteɛ no mu baako buaa sɛ: Hwɛ, mahunu Betlehemni Yisai ba bi a ɔnim bɔ, ɔyɛ ɔbarima a ɔtumi ne ho ne ɔkofoni, na ɔhunu nsɛm mu, na ne ho nso yɛ fɛ, na AWURADE di n’akyi.


Na Samuel yɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Betlehem. Na kuro no mu mpanimfoɔ de ahopopoɔ bɛhyiaa no bisaa no sɛ: Woaba no asomdwoeɛ mu anaa?


Na Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Aberanteɛ, hwan ba ne wo? Na Dawid buaa sɛ: W’akoa Yisai, Betlehemni no ba ne me.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan