Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 7:37 - New Revised Asante Twi Bible

37 Na da a ɛdi akyire a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛseɛ no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteaa mu sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn, mmɛnom nsuo!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

37 Na da a ɛdi akyire a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛseɛ no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteaa mu sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn, mmɛnom nsuo!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 Afahyɛ no da a edi akyi a ɛyɛ da titiriw no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa dennen se, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 Afahyɛ no da a ɛdi akyire a ɛyɛ da titire no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa denden sɛ, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

37 Na da a edi akyiri a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛse no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteɛɛm sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn menom nsu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 7:37
50 Iomraidhean Croise  

Nso wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no mu daa, firii da a ɛdi kan no so ara de bɛsii da a ɛdi akyire no so. Na wɔdii nnapɔnna nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no.


Metene me nsam mekyerɛ wo, wo ho sukɔm de me kra sɛ asase a awoɔ.


Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho sukɔm de me kra. Da bɛn na mɛba mabɛfiri Nyankopɔn anim?


Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, mehwehwɛ wo anɔpahema, wo ho sukɔm de me kra, me honam ahodwo repɛ wo hɔ biribi, asase pɛsɛɛ a nsuo nni soɔ ma no tɔ piti wɔ so.


Nyansa team mmorɔno so, ɔma wɔte ne nne mmɔntene so;


Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteam, na nteaseɛ ma ne nne soɔ?


Me deɛ, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.


na ɔteam aponkɛseɛ ho, kurotia, aboboano sɛ:


wasoma ne mmaawa, ɔkɔteam kuro mu sorɔnsorɔmmea so sɛ:


Maba me turo mu, me nua, m’ayeforɔ, meretete me kurobo ne m’aduhwam, meredi me woɔkyɛm ne me woɔ, merenom me nsa ne me nufosuo. Nnamfonom, monnidi, adɔfonom, monnom na mommee.


Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu.


Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akodie asa, sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho.


Ɛnne bi se: Team! Na mebisaa sɛ: Menteam sɛn? Honam nyinaa yɛ wira, na ne papa nyinaa te sɛ wiram nhwiren.


Na mɛhwie nsuo agu asase a sukɔm de no no so, na nsuwansuwa agu asase pɛsɛɛ so; mɛhwie me honhom agu w’asefoɔ so, na me nhyira agu wo mma so.


Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo ho, na mo a monni sika no, mommra mmɛtɔ, na monni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso.


Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.


Team denden, nnodo ho; ma wo nne so sɛ totorobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fie bɔne kyerɛ wɔn.


O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban denden, me dwanekɔbea ahohiahia da mu, wo nkyɛn na amanaman bɛfiri asase anoano aba abɛka sɛ: Atorɔ nko ne yɛn agyanom awunnyadeɛ no, ahuhudeɛ a mfasoɔ nni mu.


Kɔ na kɔpae gu Yerusalem aso mu sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mekae wo mmabaaberɛ mu adɔeɛ, w’ayeforɔ berɛ mu dɔ no, m’akyiri a wodiiɛ wɔ ɛserɛ soɔ, asase a wɔnnua so adeɛ no so.


Na ɔkra teasefoɔ biara a ɛkeka ne ho, baabiara a asuo a ɛboro soɔ yi bɛkɔ hɔ no bɛnya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa ara, ɛfiri sɛ nsuo yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsuo yadeɛ, na nnoɔma nyinaa anya nkwa, deɛ asuo no korɔ biara.


Nnanson na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE; da a ɛtɔ so nwɔtwe no nyɛ mo nhyia kronkron, na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE; ɛyɛ afahyɛ awieeɛ, monnyɛ adwumaden biara.


Nso bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum a moreboa asase so nnɔbaeɛ ano no, monni AWURADE nnapɔnna nnanson: Da a ɛdi kan no yɛ homeda, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ homeda.


AWURADE nne refrɛ kuro no, na wɔn a wɔsuro no no yɛ anyansafoɔ, montie ntea ne deɛ ɔhyɛeɛ no.


Asafo AWURADE bɛwa wɔn ani, na wɔadidi, na wɔatiatia ntɔmmoɔ mu aboɔ so, na wɔanom, na nsa nti wɔayɛ hoo, na wɔayeyɛ amaama sɛ koraa, sɛ afɔrebukyia ntweaso.


Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, monhyia afahyɛ nhyiamu; monnyɛ adwumaden biara;


Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.


Na oyi ne deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ: Obi nne reteam wɔ ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene!


Nhyira ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔameeɛ.


Ɔse: Mene ɛnne a ɛtea mu ɛserɛ so sɛ: Montene Awurade kwan! sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no.


Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.


Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wonni adeɛ a wɔde toɔ, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wonya nkwa nsuo no fire?


Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu.


na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa.


Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa paanoo no; deɛ ɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na deɛ ɔgye me die no, osukɔm renne no da.


Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da,


Na me honam yɛ aduane ampa, na me mogya yɛ anonneɛ ampa.


Ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefie no, ɔteaa mu sɛ: Monim me, na monim deɛ mefire. Na ɛnyɛ me ara na mehyɛɛ me ho mebaeɛ; na deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ a monnim no.


Montumi nnom Awurade kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; montumi nnidi Awurade pono so ne ahonhommɔne pono so.


na wɔn nyinaa nom honhom fam anonneɛ korɔ, na wɔnom firii honhom fam botan a na ɛdi wɔn akyire no mu; na ɔbotan no ne Kristo.


Saa ara nso na adidie no akyiri no, ɔfaa kuruwa no kaa sɛ: Kuruwa yi ne Apam foforɔ me ara me mogya mu; da biara a mobɛnom no monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ.


Na yɛn nyinaa nso, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom baako mu maa yɛbɛyɛɛ nipadua baako, na wɔmaa yɛn nyinaa nomm honhom baako.


Na mommmoro nsa, ɛfiri sɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieeɛ no. Me na mede nkwa asutire mu nsuo bɛkyɛ obiara a sukɔm de no kwa.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsuo asubɔnten a ani teɛ sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Nyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no mu


Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra! Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra! Na deɛ sukɔm de no mmra, na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan