Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 7:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Enti na anka wɔrehwehwɛ no akye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

30 Enti na anka wɔrehwehwɛ no akye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Nʼano sii no, wɔpɛe sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnui ɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Nʼano siiɛ no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ, na ne berɛ a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnuruiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 Eyi nti anka wɔhwehwɛ no akyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, efisɛ ne dɔn nnya nnui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 7:30
22 Iomraidhean Croise  

Na nnipa abufuhyeɛ dane wo ayeyie, wode abufuhyeɛ a ɛboro soɔ bɔ abɔsoɔ.


Me a mefiri mfitiaseɛ meka awieeɛ asɛm, na mefiri tete mmerɛ no meka deɛ wɔnyɛeɛ no, meka sɛ: Me tirimbɔ bɛgyina, na deɛ ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.


Na Farisifoɔ no firi adi kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛkum no.


Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no nanso na wɔsuroo nkurɔfoɔ akuakuo no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no teeɛ, na wɔhwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛkum no; nso na wɔsuro no, ɛfiri sɛ na ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuo no nyinaa nwanwa.


Na Atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa kɔsɔ ne mu kye no dɔn no ara mu, nanso wɔsuroo ɔman no; ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn.


Me ne mo wɔ asɔrefie hɔ daa no, moankye me; na yei ne mo berɛ ne esum tumi.


Ɛnna Yudafoɔ no tasee aboɔ bio sɛ wɔde rebɛsi no.


Ɛnna wɔhwehwɛɛ bio sɛ wɔkye no, na ɔfiri wɔn nsa kɔe.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ ahyɛ mmara nso sɛ, sɛ obi nim faako a ɔwɔ a, ɔmmɛkyerɛ, na wɔnkɔkye no.


Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no? Nanso mo mu biara nni mmara no so. Adɛn na morehwehwɛ me aku me?


Farisifoɔ no tee sɛ nkurɔfokuo no rewiinwii keka yeinom wɔ ne ho. Na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no somaa asomfoɔ sɛ wɔnkɔkye no.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me deɛ, me berɛ nnya nnurui, na mo berɛ deɛ, ɛduru daa.


Mo deɛ, monkɔ afahyɛ yi ase. Me deɛ, mennya menkɔɔ afahyɛ yi ase; ɛfiri sɛ me berɛ nnya nnurui.


Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefie no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankye no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.


Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ; nanso mohwehwɛ me aku me, ɛfiri sɛ m’asɛm nsene mo mu.


Ɛnna wɔtasee aboɔ sɛ wɔbɛto abɔ no, na Yesu huntae, na ɔfiri asɔrefie hɔ kɔe.


Ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan