Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 7:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Deɛ ɔbɔ ɔno ara ne tirim kasa no, hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a, deɛ ɛntene nni ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Deɛ ɔbɔ ɔno ara ne tirim kasa no, hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ, a deɛ ɛntene nni ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ anuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ anuonyam ma nea ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafo a nnaadaa biara nni ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ animuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ animuonyam ma deɛ ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafoɔ a nnaadaa biara nni ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 7:18
19 Iomraidhean Croise  

Ɛwoɔdie ntrasoɔ nyɛ, enti animuonyam a nnipa pɛ ma wɔn ho nyɛ animuonyam.


Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ɛkaa me nko a, anka AWURADE man nyinaa adanedane adiyifoɔ, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so.


Enti mommɔ mpaeɛ sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, Wo din ho nte,


Na Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: Yadeɛ yi nyɛ owuo yadeɛ, na Nyankopɔn animuonyam ntira, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Nyankopɔn Ba no animuonyam.


Agya, hyɛ wo din animuonyam! Ɛnna ɛnne bi firi soro baeɛ: Mahyɛ no animuonyam dada, na mɛhyɛ no bio.


ɛfiri sɛ na wɔpɛ nnipa animuonyam sene Nyankopɔn animuonyam.


Mennye animuonyam mfiri nnipa nkyɛn,


Yesu buaa sɛ: Sɛ mehyɛ me ho animuonyam a, m’animuonyam no nyɛ hwee: Ɛyɛ m’Agya a moka sɛ ɔne mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me animuonyam.


anaasɛ yɛnhwehwɛɛ nnipa anim animuonyam mfirii mo anaa afoforɔ nkyɛn,


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Nyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ma no nsom sɛ ɛfiri ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na animuonyam ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, anka mobɛhunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan