Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 6:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atokoɔ paanoo nnum ne mpataa nketewa mmienu; na yei yɛ deɛn ma nnipa pii yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atokoɔ paanoo nnum ne mpataa nketewa mmienu; na yei yɛ deɛn ma nnipa pii yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ brodo anum ne kyenam abien; na eyi betumi aso nnipa dodow yi di?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ burodo enum ne nkyenam mmienu; na yei bɛtumi aso nnipa dodoɔ yi di?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atoko abodoo anum ne mpataa nketewa abien; na eyi yɛ dɛn ma nnipa pii yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 6:9
24 Iomraidhean Croise  

Na atokoɔ ne ɛserɛ a wɔde ma apɔnkɔ ne apɔnkɔ ahoɔharefoɔ nso, wɔde baa faako a wɔwɔ hɔ, wɔn nyinaa sɛdeɛ wɔahyehyɛ ama wɔn no.


Ɛnna Elisa kaa sɛ: Montie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔkyena sɛsɛɛ ayuosiam susuo adeɛ baako bɛdi dwetɛbena, na atokoɔ susuo adeɛ mmienu bɛdi dwetɛbena Samaria kuro pono ano.


Ɔma w’ahyeɛ so dwo, ɔde ayuo pa ma wodi mee.


na wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ: Onyankopɔn bɛtumi ato pono ɛserɛ so anaa?


Na wɔsane sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na wɔyii Israel Kronkronni no ahi.


Na ɔde ayuo mu ayuo pa bɛyɛne wɔn, na mede abotan mu woɔ bɛma woamee.


Yuda ne Israel asase ne wo di dwa; Minit ayuo, atokoɔ, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam na wɔde gye w’adwadeɛ,


Na wɔsee no sɛ: Yɛnni biribiara wɔ ha, gye paanoo nnum ne mpataa mmienu.


Monnya nhunui, na monkae nnipa mpemnum paanoo nnum no ne nkɛntɛn dodoɔ a monyaeɛ?


Na ɔsee wɔn sɛ: Paanoo ahe na mowɔ? Monkɔ nkɔhwɛ. Na wɔkɔhwɛeɛ no wɔkaa sɛ: Enum ne mpataa mmienu.


Mebubuu paanoo nnum memaa nnipa mpemnum no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motaseeɛ? Ɛnna wɔsee no sɛ: Dumienu.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma wɔn biribi nni! Na wɔse: Yɛnni biribiara sɛ paanoo nnum ne mpataa mmienu pɛ, gye sɛ yɛkɔtɔ aduane ma nkurɔfoɔ yi nyinaa.


Ɛnna Marta see Yesu sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu.


Ɛnna Maria duruu faako a Yesu wɔ na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu.


Na Yesu see wɔn sɛ: Momfa nam a moyii no seesei no bi mmra!


Ɛnna Yesu bɛfaa paanoo no de maa wɔn, ɛne apataa no saa ara.


Na wɔsii fam no, wɔhunuu nnyansramma a ɛnam gu soɔ ne paanoo.


Na Yesu faa paanoo no ne mpataa no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; dodoɔ biara a wɔhia.


Filipo buaa no sɛ: Paanoo denare ahanu renso wɔn sɛ wɔn mu biara bɛnya kakra.


Na monim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefoɔ deɛ, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam ne hia no so abɛyɛ adefoɔ.


anantwie nufosuo ani sradeɛ, ne nnwan nufosuo, nnwammuruwa sradeɛ, ne Basan adwennini mpapo deɛ, ne ayuo sawa mu sradeɛ, na wonom bobe aba mu mogya gyenegyene.


asase a ayuo ne atokoɔ ne bobe ne borɔdɔma ne atoaa wɔ soɔ, asase a ɛso wɔ ngodua ne ɛwoɔ,


Na metee nne bi ateasefoɔ baanan no mfimfini a ɛse: Yɛ ayuo susukoraa denare, na yɛ aburoo susukoraa mmiɛnsa denare; nanso ngo ne nsa deɛ, nyɛ no hwee!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan